Nnwom 112 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn suro mu nhyira

1 Dwom 1.1 Monyi AWURADE ayɛ!

Nhyira ne onipa a ɔsuro AWURADE,

na ɔnya ne mmara ho anika pii.

2 Mmb 20.7 N’asefoɔ bɛyɛ kɛseɛ asase so,

wɔhyira teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ.

3Adeɛ ne ahonya wɔ ne fie,

na ne tenenee wɔ hɔ daa.

4 Dwom 37.6 Hann pue sum mu ma nnipa tenenee,

ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔteneneeni.

5 Dwom 41.1 Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie,

ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu.

6Na ɔrenhinhim da biara da,

ɔteneneeni bɛyɛ daa nkaeɛ.

7Akwanmusɛmmɔne renyi no hu,

n’akoma si hɔ pintinn da AWURADE so.

8 Dwom 91.8 N’akoma atim, ɔrensuro

kɔsi sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔpɛ, n’ahohiahiafoɔ soɔ.

9 2 Ko 9.9 Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie;

ne tenenee wɔ hɔ daa,

wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.

10 Dwom 35.16 Ɔbɔnefoɔ bɛhunu ama no ayɛ no ahi,

ɔbɛtwɛre ne se na wahodwo,

abɔnefoɔ adeɛ a wɔpɛ bɛyera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help