1Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da.
2 na wɔbɔɔ AWURADE afɔdeɛ wɔ hɔ.
6Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn agyapadeɛ so kɔdii asase no so.
7Yos 24.31 Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma akɛseɛ a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.
8Na Nun ba Yosua, AWURADE akoa no wui, na wadi mfirinhyia ɔha ne du;
9Yos 24.29-30 na wɔsiee no n’agyapadeɛ hyeɛ so wɔ Timnat-heres, Efraim bepɔ so, Gaas bepɔ atifi fam.
10Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.
11Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.
12Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.
13Na wɔgyaa AWURADE hɔ kɔsomm Baal ne Astarot.
14Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.
15Lew 26.17; Deut 28.20 Baabiara a wɔfiri korɔ no, na AWURADE nsa ne wɔn di no bɔne, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ ne sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.
16 Aso 13.20 Nanso AWURADE memaa atemmufoɔ so maa wɔgyee wɔn nkwa firii wɔn afomfafoɔ no nsam.
17Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so.
18Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no.
19Na sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔsane wɔn akyi na wɔsɛe sene wɔn agyanom, di anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumuyɛ ne wɔn kɔnseneeɛ kwan so nanteɛ.
20Na AWURADE abufuo dɔre tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wɔntie me nne yi,
21me nso merenkɔ so mentu amanaman a Yosua wu gyaa wɔn no mu biara bio, wɔn anim,
22Ate 3.1, 4; Deut 8.2 na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anante so, sɛdeɛ wɔn agyanom hwɛeɛ no anaasɛ wɔrenhwɛ.
23Enti AWURADE gyaee amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.