Yesaia 18 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Etiopia hyɛ Onyankopɔn animuonyam

1Aa, asase a wɔte ntaban nnyegyeɛ wɔ soɔ,

a ɛwɔ Etiopia nsubɔntene agya nohoa.

2Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu

de nam nsuo ani no fa po soɔ.

Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ,

monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn,

ɔman a wɔn ho yɛ hu a wɔbɛn anaa wɔwɔ akyirikyiri,

ɔman a ɔwɔ tumi a ɔtiatia aman soɔ

a nsubɔntene atwitwa n’asase mu no.

3Mo wiasefoɔ nyinaa

ne mo a mote asase so nyinaa,

sɛ wɔsi mmepɔ so frankaa a, monhwɛ,

na sɛ wɔhyɛne totorobɛnto a, montie.

4Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie:

Mɛtena m’adwa so mahwɛ komm,

sɛ awia ketee mu ahuhuro,

sɛ twaberɛ ahuhuro mu bosuo mununkum.

5Na ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhwiren no aporeɛ

na nhwiren reyɛ bobe esia a ɛregyegyeɛ no,

ɔde aderɛ bɛtwitwa mman no agu,

na wayi ne mman no abubu mu;

6wɔbɛgya ne nyinaa hɔ

ama mmepɔ so nnomaa

ne asase so mmoa,

na nnomaa bɛdi ahuhuroberɛ wɔ so,

na asase so mmoa nyinaa adi so awɔberɛ.

7 Dwom 68.29, 31 Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE

ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa,

Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ,

na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help