Yesaia 65 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Atemmuo ho nkɔmhyɛ

1 Rom 10.20 Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no;

na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me.

Mekaa sɛ: Menie, menie,

mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no.

2 Mmb 1.24; Yer 3.17 Mebaee me nsam daa nyinaa

mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ,

wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛnyɛ so

di wɔn adwene akyiri no;

3ɔman a wɔyi me ahi

wɔ m’anim daa,

wɔbobɔ afɔdeɛ nturo mu,

na wɔhye nnuhwam ntaayaa soɔ;

4 Yes 66.17; Lew 11.7 wɔtenatena adamena mu,

deda nkokoam anadwo,

wɔdi prakonam,

na akyiwadeɛ nkwan wɔ wɔn nkwansɛn mu.

5Wɔka sɛ: Twe wo ho,

nka me, na me ho te sene woɔ no.

Yeinom ne me hwene mu wisie,

ogya a ɛdɛre daa nyinaa.

6Hwɛ, wɔatwerɛ no wɔ m’anim:

Merenyɛ komm, na mɛtua so ka,

aane, mɛtua so ka agu wɔn kokom.

7Mɛka mo amumuyɛdeɛ ne mo agyanom amumuyɛdeɛ abom atua so ka,

AWURADE na ɔseɛ;

ɛfiri sɛ wɔahye aduhwam wɔ mmepɔ soɔ

na wɔasopa me wɔ nkokoɔ soɔ nti,

mɛsusu wɔn akane nneyɛɛ atua so ka.

8 Gye 18.26; Yes 6.13 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Sɛdeɛ nsa ba bobe aba esia mu a wɔka sɛ: Nsɛe no,

na nhyira wɔ mu, no,

saa ara na me nkoa nti mɛyɛ,

na mansɛe wɔn nyinaa.

9Na mɛyi asefoɔ afiri Yakob mu,

ne me bepɔ sodifoɔ afiri Yuda mu,

na wɔn a mayi wɔn no bɛdi so,

na me nkoa atena hɔ.

10 Yos 7.26 Na Saron bɛdane nnwankuo adidibea,

na Akor bonhwa no ayɛ anantwie dabea

ama me man a wɔhwehwɛ m’akyiri kwan no.

Ɔman waefoɔ no asotwe

11Na mo a mogya AWURADE

na mo werɛ firi me bepɔ kronkron no

na moto pono ma Siadeɛ bosom

na mohyɛ afrasa nkuruwa amama ma Hyɛberɛ bosom no,

12 Yes 65.2; 66.4 me nso mede mo bɛma afena,

na wɔakum;

ɛfiri sɛ mefrɛe, na moannye so,

mekasae, na moantie,

na moyɛɛ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne,

na deɛ mempɛ na moyiiɛ.

13 Yes 55.1 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Hwɛ, me nkoa bɛdidi,

na mo deɛ, mobɛdi kɔm;

hwɛ, me nkoa bɛnom,

na mo deɛ, sukɔm bɛde mo;

hwɛ, me nkoa ani bɛgye,

na mo deɛ, mo ani bɛwu;

14hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom,

na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam,

na mode honhom a abubuo asu yɔɔ.

15 Yes 62.2 Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn,

na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo,

na wato ne nkoa din foforɔ,

16 Yes 19.18; Yer 4.2; 12.16 na ama deɛ ɔhyira ne ho asase no soɔ no

ahyira ne ho wɔ nokorɛdie Nyankopɔn mu;

na deɛ ɔka ntam wɔ asase no soɔ no

de nokorɛdie Nyankopɔn no aka ntam;

ɛfiri sɛ wɔn werɛ bɛfiri akane amanehunu no,

na ahunta afiri m’anim.

Ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ

17 Yes 66.22; 2 Pe 3.13; Adi 21.1 Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforɔ

ne asase foforɔ,

na wɔrenkae kane nnoɔma no

na ɛremma adwene mu bio;

18 Yes 35.10 na mmom, momma mo ho nsɛpɛ mo na monni ahurisie daa daa,

adeɛ a merebɔ no nti;

na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama no ayɛ ahurisidie,

ne ne man, ama no ayɛ ahosɛpɛ.

19 Yes 25.8 Na mɛdi Yerusalem ho ahurisie,

na me ho asɛpɛ me me man ho,

na wɔrente esu

ne nteateam wɔ mu bio.

20 Sak 8.4 Wɔrenhunu emu

abotafowa a ne nna nware bio,

anaa akɔkoraa a wanwie ne nna die;

na abɔfra bɛdi mfirinhyia ɔha ansa na wawu,

na ɔdebɔneyɛni a wadi mfeɛ ɔha no yɛ deɛ wadome no.

21 Yes 62.8 Na wɔbɛsisi adan atena mu,

na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.

22 Deut 28.30 Wɔrensisi adan mma obi ntena mu,

na wɔrennua mma obi nni,

na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna,

na wɔn a mayi wɔn yi bɛdi wɔn nsa ano adwuma akyɛre.

23Wɔrenyɛ adwumayɛhunu,

na wɔrenwo mma mma mpatuwuo,

ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefoɔ,

wɔne wɔn mma.

24 Yes 30.19; 58.9 Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so;

wɔda so rekasa no, mɛtie.

25 Yes 11.6-9 Pataku ne odwammaa bɛdidi faako,

na gyata awe wira sɛ nantwie;

na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane;

wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio,

wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so,

AWURADE na ɔseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help