Eksodɔs 34 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔyɛ aboɔpono no foforɔ(Deuteronomium 10.1-5)

1 Eks 32.19 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na mentwerɛ kane apono a wobobɔeɛ no so nsɛm no wɔ so.

2Na siesie wo ho sie anɔpa, na foro bra Sinai bepɔ so anɔpa, na gyina hɔ twɛn me bepɔ no atifi.

3Eks 19.12-13 Mma obiara nnka wo ho mmforo mmma, na mma wɔnnhunu obiara nso bepɔ no so baabiara, na mma nnwan anaa anantwie mmmɛdidi bepɔ no ho.

4Na Mose senee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na ɔtuaa nhema foro kɔɔ Sinai bepɔ no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa aboɔpono mmienu no kuraa ne nsam.

5 Eks 33.19 Na AWURADE nam mununkum mu sianee, na ɔne no bɛgyinaa hɔ, na ɔpaee n’ankasa ne din YHWH (AWURADE) din.

6Num 14.18; Dwom 103.8; 1 Yoh 4.16 Na AWURADE bɛtwaa mu n’anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH, (AWURADE, AWURADE),

Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ,

deɛ n’abodwoɔ kyɛre

na n’adɔeɛyɛ ne ne nokorɛ dɔɔso pii,

7 Eks 20.5-6 deɛ ɔkora adɔeɛyɛ ma mpempem,

na ɔde amumuyɛ ne mmarato ne bɔne kyɛ,

na bem na ɔmma ɔbɔnefoɔ nnie,

ɔtua nananom amumuyɛ so ka

fa mma

ne mma mma so

kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.

8Na Mose yɛɛ ntɛm kotoo fam sɔree;

9na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ.

AWURADE ne wɔn apam(Eksodɔs 23.14-19; Deuteronomium 7.1-5; 16.1-17)

10Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, me deɛ, merepam apam: Wo man no nyinaa anim na mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da asase nyinaa soɔ ne amanaman nyinaa mu, na ɔman a wowɔ wɔn mu no nyinaa ahunu AWURADE nnwuma, na adeɛ a merebɛyɛ woɔ no bɛyɛ hu.

11Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim.

12Eks 23.32-33 Hwɛ wo ho yie na wo ne deɛ ɔte asase a worekɔ soɔ no soɔ no ampam, na wɔammɛdane wo mu fidie;

13Eks 23.24 na mmom mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn ɔboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ Asera ngu.

14Eks 20.3, 5 Na nsɔre onyame foforɔ biara, ɛfiri sɛ AWURADE a ne din ne oninkunfoɔ no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ;

15na wo ne deɛ ɔte asase no soɔ no ampam, na wɔdi wɔn anyame akyi bɔ adwaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔdeɛ a, obi ammɛfrɛ wo na woankɔdi n’afɔrebɔdeɛ no bi,

16Deut 7.3; Ate 3.6; 1 Ah 11.2 na woanware ne mmammaa no bi amma wo ba, na ne mma mmaa no anni wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankɔdi wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman.

17Eks 20.23 Nyɛ anyame a wɔaguo mfa.

Afahyɛ mmiɛnsa no

18 Eks 23.14-19 Di apiti nnapɔnna no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na wofiri Misraim baeɛ.

19Adeɛ biara a ɛbue ɔyafunu ano no ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwie oo, odwan oo, me dea.

20Eks 13.12-16 Na afunumu abakan deɛ, fa odwan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnneɛ bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmɛpue m’anim.

21Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, home, funtum berɛ mu ne otwa berɛ mu na home.

22Na hyɛ wo nnapɛn fa no, ayuotwa berɛ mu adekan deɛ no, ɛne anoboa afahyɛ no, afeda mu.

23Afe mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛpue AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no anim.

24Na mɛtu amanaman no afiri w’anim, na matrɛ w’ahyeɛ mu; na woreforo akɔpue AWURADE wo Nyankopɔn anim afirinhyia mu mprɛnsa no a, obiara ani remmere w’asase.

25Mfa mmɔreka nka w’afɔdeɛ a wobɔ no mogya ho, na mma adeɛ nnkye twam afahyɛ afɔdeɛ no so.

26W’asase so adekan a ɛbɛba kane no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.

27Eks 24.4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ nsɛm yi fa, ɛfiri sɛ nsɛm yi so na magyina me ne wo ne Israelfoɔ no apam.

Mose de aboɔpono no ba

28 Eks 24.18; Mat 4.2; Eks 31.18 Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔtwerɛɛ apam nsɛm no, nsɛm du no, apono no so.

29Na Mose firi Sinai bepɔ so resiane no, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam; na ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, na Mose nnim sɛ ɔne AWURADE kasaeɛ nti, n’anim wedeɛ ahyerɛn.

302 Ko 3.7-18 Na Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa hunuu Mose no, na hwɛ, n’anim wedeɛ hyerɛn; na wɔsuroo sɛ wɔbɛbɛn no.

31Na Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne asafo no mu mpanimfoɔ no nyinaa sane baa ne nkyɛn, na Mose ne wɔn kasae.

32Na ɛno akyiri no, Israelfoɔ no nyinaa twe bae, na ɔhyɛɛ wɔn deɛ AWURADE ka kyerɛɛ no Sinai bepɔ soɔ no nyinaa.

33Na Mose ne wɔn wiee kasa no, ɔde nkatanimu kataa n’anim.

34Eks 33.8-9 Na daa sɛ Mose rekɔ AWURADE anim ne no akɔkasa a, ɔyi nkatanimu no de kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie; na ɔfiri adi a ɔbɛka deɛ wɔahyɛ no no kyerɛɛ Israelfoɔ no.

35Na sɛ Israelfoɔ no hunu Mose anim sɛ n’anim wedeɛ no ahyerɛn; na Mose de nkatanimu no sane kata n’anim kɔsi sɛ ɔkɔ mu ne no kɔkasa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help