2 Samuel 12 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Natan ka Dawid anim

1Na AWURADE somaa Natan maa no kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kuro bi mu, ɔbaako yɛ ɔdefoɔ, na ɔbaako yɛ ohiani.

2Ɔdefoɔ no wɔ nnwan, mmirekyie ne anantwie bebree pa ara,

3na ohiani no deɛ, na ɔnni hwee sɛ odwammereɛ ketewa baako a ɔtɔɔ no. Na ɔyɛnee no, na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Ɔdi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabaa.

4Da koro bi a ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi som ɔkwantuni a ɔbɛsoɛɛ no no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.

5Ɛnna Dawid bo fuu pii tiaa ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ɔbarima a ɔyɛɛ yei no sɛ wuo.

6 ɛsiane AWURADE nti.

Wɔko fa Raba(1 Berɛsosɛm 20.1-3)

26 1 Be 20.1-3 Na Yoab ne Amonfoɔ a wɔwɔ Raba koe, na ɔgyee ahenkuro no.

27Na Yoab somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn sɛ: Me ne Raba ako, nso magye nsuo ano kuro no.

28Na afei boaboa ɔman a aka no ano bɛkyere kuro no ho nsraban, na gye, na mannye kuro no, na wɔamfa me din anto so.

29Na Dawid boaboaa ɔman no nyinaa ano kɔɔ Raba ne no kɔkoe, na ɔfaeɛ.

30Na ɔyii wɔn hene abotire firii ne ti; na ne emu duro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi baeɛ.

31Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help