1 Hos 6.11 Na hwɛ, nna no ne berɛ a mede Yuda ne Yerusalem nnommum bɛsane aba no mu no,
2Yoel 3.12, 14 mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn bɛsiane aba Yehosafat bonhwa no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapadeɛ Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti.
3Nah 3.10 Ɛfiri sɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee odwamamfoɔ, na wɔtɔn abaayewa gyee nsa nomee.
4Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.
5Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinneɛ a ɛsɔ ani a ɛyɛ no kɔɔ mo asɔrefie.
6Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafoɔ, sɛ moreyi wɔn afiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
7Hwɛ, merenyane wɔn na wɔafiri deɛ motontɔn wɔn kɔeɛ hɔ, na mede deɛ moayɛ bɛsane abua mo atifi,
8na matontɔn mo mmabanin ne mo mmammaa mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafoɔ, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka.
9Mompae yei amanaman mu,
monnwira ɔsa ho,
monnyane nnɔmmarima,
akofoɔ nyinaa ntwe mpini,
wɔmforo mmra.
10 Yes 2.4 Momfa mo nsɔ mmobɔ mfena,
na momfa mo nnerɛ mmobɔ mpea.
Deɛ wahodwo nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.
11Monyɛ ntɛm mmra ɛ,
mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa,
mommɛhyia!
Ɛhɔ na, AWURADE, gya wo nnɔmmarima no bra.
12 Yoel 3.2 Amanaman nsɔre ntu mmra
Yehosafat bonhwa no mu;
na ɛhɔ na mɛtena ase abu
amanaman a wɔfiri afa nyinaa atɛn.
13 Adi 14.15, 18; Yes 63.3, 6 Momfa kantankrankyi nhyɛ mu,
na deɛ wɔtwa ahoa.
Mommra mmɛtiatia so,
na nsa-kyi-amena no ayɛ ma,
ntɛɛpo no abu so,
na wɔn bɔne adɔɔso.
14Nnipa yuu, nnipa yuu
wɔ atemmuo bonhwa no mu;
ɛfiri sɛ AWURADE da no abɛn,
atemmuo bonhwa no mu.
15 Yoel 2.10; 3.4 Owia ne ɔsrane aduru sum,
na nsoromma agyae haran.
Yuda nhyira berɛ16 Amos 1.2 Na AWURADE firi Sion bobom
na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so,
na ɔsoro ne asase wosowoso;
nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man,
ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.
17 Hes 34.30 Na mobɛhunu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn
a mete Sion, me bepɔ kronkron no so,
na Yerusalem bɛdane kronkronbea,
na ananafoɔ rentwa mu hɔ bio.
18 Amos 9.13; Hes 47.1; Sak 14.8 Na ɛda no,
mmepɔ bɛsosɔ nsamono,
na nkokoɔ asene nufosuo,
na nsuo asene
Yuda mmonhwa nyinaa mu;
na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie
asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.
19 Oba 10 Misraim bɛdane amamfo,
na Edom adane nkyɛkyerɛ afo,
ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti,
ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.
20Na Yuda deɛ, wɔbɛtena hɔ daa,
na Yerusalem atena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
21 Deut 32.43; Hes 48.35 Na mɛtɔ wɔn mogya so were a mentɔɔɛ no,
na AWURADE bɛtena Sion ara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.