1 Ahemfo 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Salomo bisa Awurade hɔ nyansa(2 Berɛsosɛm 1.3-12)

1 2 Be 1.1-6 Na Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ awareɛ apam. Na ɔfaa Farao babaa waree, ɔde no baa Dawid kuro mu kɔsii sɛ ɔwiee ne dan ne AWURADE dan ne Yerusalem ho fasuo no toɔ.

2Na ɔman no da so bɔ afɔdeɛ sorɔnsorɔmmea ara, ɛfiri sɛ na wɔnsii dan biara mmaa AWURADE din.

3Na Salomo nam n’agya Dawid ahyɛdeɛ no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔdeɛ na ɔhye aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

41 Be 21.29 Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛno ne sorɔnsorɔnbea kɛseɛ. Ɔhyeɛ afɔdeɛ apem na Salomo bɔɔ no afɔrebukyia no soɔ.

5 2 Be 1.7-12 Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo anadwo daeɛ mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kaa sɛ: Srɛ deɛ menyɛ mma woɔ.

61 Ah 1.48 Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w’akoa m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w’anim nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

7Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba.

81 Ah 4.20 Na w’akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu wɔn ano no mu.

9Dwom 143.10 Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?

10Na ɛsɔɔ AWURADE ani, sɛ Salomo abisa asɛm yi.

11Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ wobisaa asɛm yi, na woammisa nna dodoɔ amfa, na woammisa ahonyadeɛ amfa, nso woammisa w’atamfo nkwa, na mmom wobisa nhunumu, a wode bɛtie atemmuo yi,

12Mmb 2.3-6 hwɛ, mayɛ sɛdeɛ w’asɛm no seɛ. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhunumu adwene a obiara a ɔdii w’anim nte sɛ woɔ, na w’akyiri nso, obiara rensɔre a ɔsɛ woɔ.

13Mmb 3.13-16; Mat 6.33 Afei deɛ wommisaeɛ no mama wo, ahonya ne animuonyam a ahemfo mu biara rento woɔ wo nna nyinaa mu.

14Na sɛ wonante m’akwan mu na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ a, mɛma wo nna aware.

15Na Salomo nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ. Na ɔbaa Yerusalem, na ɔbɛgyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔtoo ne nkoa nyinaa pono.

Salomo atemmuo bi

16Ɛberɛ no mu no, mmaa nnwamamfoɔ mmienu bi baa ɔhene nkyɛn bɛgyinaa n’anim.

17Na ɔbaa baako kaa sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbaa yi te fie koro mu, na mewoo ba wɔ ne nkyɛn efie hɔ.

18Na ɛbaa sɛ mewoeɛ akyiri nnansa no, ɔbaa yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔhoɔ bi nka yɛn ho efie hɔ gye yɛn mmienu pɛ na yɛwɔ efie no mu.

19Na ɔbaa yi ba no wuu anadwo, ɛfiri sɛ ɔdaa ne so.

20Na ɔsɔree ɔdasuo mu bɛfaa me ba no wɔ me nkyɛn, nso na w’afenaa ada, na ɔde no too ne kokom, na ɔde ne ba a wawuo no bɛtoo me kokom.

21Na mesɔree anɔpa sɛ merema me ba nufoɔ no, na hwɛ, wawu. Na mehwehwɛɛ ne ho anɔpa no, na hwɛ, ɛnyɛ me ba a mewoo no a.

22Na ɔbaa baako no se: Dabi, na me ba ne ɔteasefoɔ no, na wo ba ne owufoɔ no. Na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufoɔ no, na me ba ne ɔteasefoɔ no. Na wɔkasakasaa ɔhene anim hɔ.

23Ɛnna ɔhene kaa sɛ: Oyi se: Me ba ne ɔteasefoɔ no, na wo ba ne owufoɔ no; na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufoɔ no, na me ba ne ɔteasefoɔ no.

24Na ɔhene kaa sɛ: Mommrɛ me nkrantɛ. Na wɔde nkrantɛ baa ɔhene anim.

25Na ɔhene kaa sɛ: Monkyɛ abɔfra a ɔte aseɛ no mu mmienu, na momfa ɔfa mma ɔbaako, na momfa ɔfa mma ɔbaako.

26Yes 49.15 Ɛnna ɔbaa a ne ba ne ɔteasefoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, momfa akwadaa teasefoɔ no mma no, na kum deɛ, monnku no! Ɔkaa saa, ɛfiri sɛ na ne yam hyehye no ne ba no ho. Ɔbaako no nso kaa sɛ: Mma no nnyɛ me deɛ, nso ɔnnyɛ wo deɛ, monkyɛ mu!

27Ɛnna ɔhene buaa sɛ: Momfa akwadaa teasefoɔ no mma ɔbaa a ɔdi kan no, na kum deɛ wɔnnku no, ɔne ne na.

28Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene buiɛ no, wɔsuroo ɔhene anim, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ, Nyankopɔn nyansa wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help