1 Samuel 20 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yonatan dwodwo n’agya

1Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi?

2Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu; hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛseɛ anaa ade ketewa biara gye sɛ ɔyi me asotire ansa; na adɛn nti na m’agya de asɛm yi bɛhunta me? Ɛnte saa.

3Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim animuonyam, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.

4Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra seɛ no, mɛyɛ ama wo.

5Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsrane fire a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidiiɛ; nanso ma menkɔ nkɔhunta wiram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ.

6Sɛ w’agya bisa m’akyiri kwan a, ɛnneɛ ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirinhyia afɔrebɔ wɔ hɔ.

7Sɛ ɔka sɛ: Ɛyɛ a, na asomdwoeɛ wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hunu sɛ wakyere ne mu sa bɔne.

81 Sa 18.3 Na yɛ w’akoa adɔeɛ, ɛfiri sɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛne; na sɛ amumuyɛ bi wɔ me mu a, wo ara ku me, na adɛn nti na wode me rekɔma w’agya?

9Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ menim sɛ m’agya akyere sa bɔne de reba wo so a, merenka menkyerɛ woɔ.

10Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Sɛ w’agya de asɛm denden bi bua wo a, hwan na ɔbɛka akyerɛ me?

11Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra ma yɛmfiri nkɔ wiram. Na wɔn baanu firii adi kɔɔ wiram.

12Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, nyɛ danseni sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sɛsɛberɛ, mehwɛ m’agya adwene na ɛyɛ wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammɛyi wo asotire a!

13Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no.

14Na sɛ meda so mete aseɛ yi, fa AWURADE nokorɛ adɔeɛ yɛ me, na manwu,

15ntwa w’adɔeɛ no to mfiri me fie ho da. Na sɛ AWURADE twitwa Dawid atamfoɔ firi asase so a, nnyae me fie adɔeɛyɛ.

16Na Yonatan ne Dawid fie pamee sɛ: AWURADE ntɔ Dawid atamfoɔ were.

171 Sa 18.3 Na Yonatan maa Dawid kaa ne dɔ a ɔde dɔ no no ho ntam bio, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.

18Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyena na ɔsrane fire, na wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ, ɛfiri sɛ wo tenaberɛ bɛda mpan.

19Na sɛ ɛdi nnansa a, wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ ampa ara, ɛnneɛ na siane ntɛm bra deɛ asɛm no baeɛ no, wohuntaeɛ hɔ, na tena Esel boɔ no ho.

20Na mɛtoto agyan mmiɛnsa mafa ho, sɛdeɛ merebɔ botaeɛ mu.

21Na hwɛ, mɛsoma abɔfra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mese abɔfra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnneɛ bra, na sɛ AWURADE te aseɛ yi, asomdwoeɛ na ɛwɔ hɔ ma woɔ, asɛm biara nni hɔ.

22Na sɛ mese akwankwaa no sɛ: Hwɛ, m’agyan no wɔ w’anim fam nohoa a, ɛnneɛ kɔ, na AWURADE agya wo kwan.

23Na asɛm a me ne wo kaeɛ no ho deɛ, hwɛ, AWURADE wɔ me ne wo ntam daa.

24Ɛnna Dawid kɔhuntaa wiram. Na ɔsrane firiiɛ no, ɔhene kɔtenaa adidiiɛ.

25Na ɔhene tenaa n’atenaeɛ sɛdeɛ ɔyɛ no daa wɔ ɔfasuo ho adwa no so; na Yonatan sɔree, na Abner tenaa ɔhene nkyɛn, na Dawid atenaeɛ no da mpan.

26 Lew 15; Deut 23.10 Na Saulo anka hwee da no; ɛfiri sɛ ɔse: Biribi ayɛ no; ne ho nte; ampa ara ne ho nte.

27Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ bosome no da a ɛtɔ so mmienu a na Dawid atenaeɛ da mpan no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ: Adɛn nti na Yisai ba no amma adidie ase nnora ne nnɛ yi?

28Na Yonatan buaa Saulo sɛ: Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem,

29na ɔse: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ wɔ kuro no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim animuonyam a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pono ho yi.

30Ɛnna Saulo bo fuu Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbaa brakyewni tuateni ba, adɛn menhunuu sɛ woafa Yisai ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagya mu aniwuo?

31Na mmerɛ dodoɔ a Yisai ba no te ase asase soɔ yi, wo ne w’ahennie rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na wuo ara na ɔbɛwuo.

32Na Yonatan buaa n’agya Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wɔnku no? Ɛdeɛn na wayɛ?

331 Sa 18.11 Ɛnna Saulo too pea sɛ ɔde rebɔ no. Na Yonatan hunuu sɛ n’agya awe ataa so sɛ ɔbɛkum Dawid.

34Na Yonatan de abufuhyeɛ sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome no da a ɛtɔ so mmienu no. Na ɔdii Dawid ho ya sɛ n’agya asopa no.

35Na anɔpa no Yonatan firii adi kɔɔ wiram deɛ ɔhyɛɛ Dawid no, na abɔfra kumaa bi ka ne ho.

36Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Tu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛtotoɔ no. Abɔfra no retu mmirika no, ɔtoo agyan no traa no.

37Na abɔfra no duruu deɛ agyan a Yonatan toeɛ no wɔ no, Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Agyan no ngu w’anim nohoa anaa?

38Na Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abɔfra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura.

39Nso na abɔfra no nnim ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim asɛm no.

40Ɛnna Yonatan de n’akodeɛ no maa abɔfra no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa kɔ kuro no mu.

41Gye 33.3-4 Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.

42Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help