1 Sodom ne Gomora sɛeɛ
23Na Lot duruu Soar no, na owia apue asase so.
24Deut 29.23; Dwom 11.6; Amos 4.11; Luk 17.29; 2 Pe 2.6; Yes 1.9-10; 13.19 Na AWURADE tɔɔ sɔfe ne ogya firi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so.
25Na ɔbutuu nkuro no ne kanko no nyinaa ne wɔn a wɔtete nkuro no mu nyinaa ne deɛ afifiri asase no soɔ.
26 Luk 17.32 Na Lot yere no deɛ, ɔhwɛɛ n’akyi, na ɔdanee nkyene sie.
27Na Abraham tuaa ahema kɔɔ faako a na ɔgyina AWURADE anim hɔ no.
28Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne kanko no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wisie foroo sɛ fononoo mu wisie.
29Enti berɛ a Onyankopɔn sɛee kanko no nkuro no no, ɔkaee Abraham, na ɔgyee Lot firii butuo a ɔbutuu nkuro a Lot te mu no mu.
Moabfoɔ ne Amonfoɔ ahyɛaseɛ30Na Lot firii Soar kɔtenaa bepɔ no so, ɔne ne mmammaa baanu no, ɛfiri sɛ ɔsuroo Soar tena, na ɔne wɔn kɔtenaa ɔbodan bi mu.
31Na abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Yɛn agya anyini, na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho, sɛdeɛ asase sofoɔ nyinaa amanneɛ teɛ.
32Lew 18.7 Bra, na yɛmma yɛn agya nsa nnom, na yɛne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma.
33Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no, na abakan no kɔɔ mu ne n’agya kɔdae; na wanhunu ne nna ne ne sɔreɛ mu.
34Na adeɛ kyeeɛ no, abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Hwɛ, me ne m’agya akɔda anadwo yi, ma yɛmma no nsa nnom nnɛ anadwo yi nso, na kɔ mu, na wo ne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma.
35Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no nso, na akumaa no sɔre ne no kɔdae; na wanhunu ne nna ne ne sɔreɛ mu.
36Na Lot mma maa baanu no nyinaa nyinsɛn wɔn agya ho.
37Deut 2.9 Na abakan no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab; ɔne Moabfoɔ agya de bɛsi nnɛ.
38Deut 2.19 Na akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-ami; ɔne Amon mma agya de bɛsi nnɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
