1 1 Ah 3.1-4; 1 Ah 2.12, 46 Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no soo kɛseɛ pa ara.
2Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa.
31 Be 16.39; 21.29 Na Salomo ne badwa a wɔka ne ho no nyinaa sii mu kɔɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no. Ɛhɔ na na Nyankopɔn ahyiaeɛ ntomadan a AWURADE akoa Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no wɔ.
41 Be 13.6; 15.3, 28; 16.1 (Nanso Nyankopɔn adaka no deɛ, Dawid kɔfa firii Kiriat-yearim de baa deɛ Dawid siesie maa no no, na wasi ntomadan ama no wɔ Yerusalem.)
5Eks 38.1-8; 2 Be 1.3 Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur ba Uri ba Besalel yɛeɛ no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Salomo ne badwa no kɔhwehwɛɛ AWURADE akyire kwan.
6Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim ahyiaeɛ ntomadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ apem.
Nyankopɔn ahoyie7 1 Ah 3.5-15 Anadwo no ara na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Srɛ deɛ memma woɔ.
8Ɛnna Salomo ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Wo na woyɛɛ m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, na woayɛ me ɔhene asi n’ananmu.
9Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfuturo soɔ.
10Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn?
11Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w’akoma mu, na woammisa ahonya, akoradeɛ ne animuonyam ne w’atamfo nkwa, na nna dodoɔ nso woammisa, na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ, sɛ wode bɛbu me man a mayɛ wo wɔn so hene no atɛn yi,
12nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo na ahonya ne akoradeɛ ne animuonyam nso, mɛma wo, a ahemfo a wɔdii w’anim no nnyaa saa da, na wo akyiri nso wɔrennya saa.
Salomo tumi ne n’ahonya(1 Ahemfo 10.26-29)13Ɛnna Salomo firi sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no ne ahyiaeɛ ntomadan no anim baa Yerusalem, na ɔdii Israel so hene.
141 Ah 10.26-29 Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.
152 Be 9.27 Na ɔhene maa dwetɛ ne sika yɛɛ sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso ɔmaa ne dodoɔ yɛɛ sɛ akyee a ɛwowɔ mpaperɛ soɔ.
16Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kue. Kue na na ɔhene adwadifoɔ no tɔ wɔn tua ka.
17Na wɔde teaseɛnam a ne boɔ yɛ dwetɛ nnwetɛbena ahansia ne ɔpɔnkɔ nso a ne boɔ yɛ ɔha aduonum firi Misraim ba. Na saa na na wɔkra bi ma Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.