Tobit 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔkɔduru Raguel fie

1Afei ɛberɛ a wɔhyɛnee Ekbatana no, Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Onua Asaria, fa me kɔ yɛn nua Raguel hɔ. Ɛno nti ɔde no kɔɔ Raguel fie, na wɔhunuu no sɛ ɔte adihɔ pono no nkyɛn. Wɔdii kan kyeaa no, na ɔgyee so sɛ: Anigyeɛ nkyea, anuanom; akwaaba ne akwanhosan! Afei ɔde wɔn hyɛnee ne fie.

2Ɛnna Raguel ka kyerɛɛ ne yere Edna sɛ: Hwɛ sɛdeɛ aberanteɛ yi sɛ me nua Tobit!

3Afei Edna bisaa wɔn sɛ: Anuanom, ɛhefa na mofiri? Wɔbuaa no sɛ: Yɛyɛ Naftali asefoɔ a yɛka wɔn a wɔwɔ nnommum mu wɔ Ninewe ho.

4Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: Monim yɛn nuabarima Tobit anaa? Wɔbuaa sɛ: Aane, yɛnim no. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ne ho yɛ anaa?

5Wɔbuaa sɛ: Ɔte ase, na ne ho yɛ. Ɛnna Tobias de kaa ho sɛ: M’agya ne no!

6Ɛnna Raguel huri gyinaeɛ na ɔfee n’ano na ɔsuiɛ.

7Na ɔsan kaa nsɛm yi kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne wo, me ba, onipa pa ne onimuonyamfoɔ ba! O amanehunu kɛseɛ pa ara na ama onipa teneneeni ne ɔdɛɛfoɔ sei ani afira yi! Ɛnna afei ɔbamm ne busuani Tobias na ɔsui.

8Na ne yere Edna ne ne babaa Sara nso suiɛ.

Tobias ne Sara awareɛ

9Na Raguel de anigyeɛ gyee wɔn; na ɔkumm odwennini wɔ nnwankuo mu maa wɔn. Ɛberɛ a wɔhohoroo wɔn ho wieeɛ na wɔtenaa ase sɛ wɔredidi no, Tobias ka kyerɛɛ Rafael sɛ: Onua Asarias, ka kyerɛ Raguel sɛ ɔmfa me busuani Sara mma me nware.

10Na Raguel tee asɛm yi na ɔka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ: Didi na nom, na ma w’ani nnye anadwo yi. Ɛfiri sɛ, me nua, obiara nni ho kwan sɛ ɔware me babaa Sara ka wo ho. Saa ara nso na menni ho kwan sɛ mede no bɛma ɔbarima biara gye sɛ wo, ɛfiri sɛ woyɛ me busuani a wobɛn me. Nanso, me ba, ma menkyerɛkyerɛ nokorɛ pa ara ɛwɔ asɛm no mu nkyerɛ wo.

11Mede no ama yɛn abusua mu mmarima baason, na sɛ wɔn mu biara ba ne ho anadwo a, ɔwu. Nanso seesei ara deɛ, me ba, didi na nom na Awurade bɛdi ama mo baanu yi. Nanso Tobias kaa sɛ: Merennidi anaa merennom biribiara kɔsi sɛ wone me bɛsi agyinaeɛ wɔ asɛm no ho. Saa nti Raguel kaa sɛ: Mɛyɛ saa. Fa no yɛ wo yere sɛdeɛ mmara no kyerɛ wɔ Mose nwoma no mu, na wɔahyɛ afiri soro sɛ wɔmfa no mma wo. Fa wo busuani baa no; ɛfiri nnɛ rekorɔ, woyɛ ne nuabarima na ɔyɛ wo nuabaa. Ɛfiri nnɛ rekorɔ wɔde no ama wo. Me ba, ɔsoro Awurade mmɔborɔhunu ne n’asomdwoeɛ nhwɛ mo so na ɛnsi mo yie anadwo yi.

12Afei Raguel frɛɛ ne babaa Sara. Na ɔbɛduruu ne nkyɛn no, Raguel sɔɔ ne nsa de no maa Tobias, na ɔkaa sɛ: Fa no yɛ wo yere sɛdeɛ mmara ne ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no wɔ Mose nwoma mu no teɛ. Fa no ne no nkɔ w’agya hɔ dwoodwoo. Na ɔsoro Nyankopɔn asomdwoeɛ mma no nsi mo yie wɔ mo akwantuo mu.

13Afei ɔfrɛɛ ababaa no na na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma mmra; na ɔtwerɛɛ awadeɛ no ho nhyehyɛɛ firii mu, sɛ ɔde Sara ama Tobias sɛ ne yere sɛdeɛ ahyɛdeɛ a ɛwɔ Mose mmara no mu teɛ no.

14Ɛnna afei ɔfirii aseɛ didi nnomeeɛ.

15Raguel frɛɛ ne yere Edna na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Siesie ɛdan baako mu na fa Sara kɔ hɔ.

16Ɛno nti ɔkɔ kɔtoo mpa wɔ ɛdan no mu sɛdeɛ na waka akyerɛ no no, na ɔde Sara baa hɔ. Edna sui maa ne babaa no. Afei ɔpepaa ne nisuo no, na ɔka kyerɛɛ ne babaa no sɛ: Nsuro, me ba; ɔsoro Awurade no mma wo anigyeɛ nsi w’awerɛhoɔ ananmu. Nsuro, me ba. Afei ɔfirii adi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help