1Na adiyifoɔ mma no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, w’anim ha a yɛteɛ yi yɛ hiahiaa papa ma yɛn.
2Ma yɛnkɔ Yordan ano na yɛnkɔfa mpuna mmaako mmaako mfiri hɔ, na yɛnsiesie baabi wɔ hɔ ntena hɔ. Na ɔse: Monkɔ ɛ!
3Na ɔbaako kaa sɛ: Pene na ɛne wo nkoa nkɔ. Na ɔbuaa sɛ: Me nso mɛkɔ.
4Na ɔne wɔn sii mu kɔe. Na wɔduruu Yordan ano no, wɔbubuu nnua no.
5Na ɔbaako rebu dua no, n’akuma no ti firi tɔɔ nsuo mu. Na ɔteaa mu sɛ: Ao, me wura! Wɔkɔfɛmee oo.
6Na Nyankopɔn nipa no bisaa sɛ: Ɛhe na ɛtɔeɛ? Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Na ɔtwaa dua bi too hɔ, na dadeɛ no bɛtɛɛ ani.
7Na ɔkaa sɛ: Ma so fa! Na ɔtenee ne nsa fae.
Wɔde anifira bɔ Siriafoɔ8Na Siriahene ne Israel bɛdii ako; na ɔne ne nkoa tuu agyina sɛ: Ɛha ne ha na mɛbɔ me nsraban.
9Na Nyankopɔn nipa no soma maa wɔkɔɔ Israel hene nkyɛn sɛ: Hwɛ yie, na wɔamfa saa bea yi so, ɛfiri sɛ ɛhɔ na Siriafoɔ nam reba.
10Na Israel hene soma maa wɔkɔɔ faako a Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no na ɔtuu no ɛho foɔ no hɔ, na ɔsraa hɔ, ɛnyɛ prɛko na ɛnyɛ mprenu nso.
11Ɛnna Siriahene akoma peree no asɛm yi ho; na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Morenkyerɛ me yɛn mu deɛ ɔwɔ Israel hene afa?
12Na ne nkoa no mu baako kaa sɛ: Me wura Ɔhene, ɛnte saa, na mmom Odiyifoɔ Elisa a ɔwɔ Israel no na ɔka nsɛm a woka no wo dabekyire no kyerɛ Israel hene.
13Na ɔse: Monkɔ nkɔsra baabi a ɔwɔ, na mensoma mma wɔnkɔfa no mmra. Na wɔkyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Dotan.
14Ɛnna ɔsomaa apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm kɛseɛ kɔɔ hɔ, na wɔduruu anadwo, na wɔbɛtwaa kuro no ho hyiae.
15Na Nyankopɔn nipa no somfoɔ tuaa nhema sɛ ɔresɔre afiri adie no, na hwɛ, ɛdɔm ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kuro no ho ahyia. Na n’abɔfra no ka kyerɛɛ no sɛ: Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn?
162 Be 32.7 Na ɔse: Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho no.
17Na Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue n’ani na ɔnhunu! Na AWURADE buee aberanteɛ no ani, no ɔhunui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔ no so ma atwa Elisa ho ahyia.
18Gye 19.11 Ɛnna Siriafoɔ siane baa ne so, na Elisa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Mesrɛ wo, fa anifira bɔ dɔm yi; na ɔde anifira bɔɔ wɔn, sɛdeɛ Elisa asɛm no teɛ no.
19Na Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan nie, na ɛnyɛ kuro no nie, monni m’akyi, na memfa mo nkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no nkyɛn. Na ɔde wɔn kɔɔ Samaria.
20Na ɛbaa sɛ wɔduruu Samaria no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue wɔn ani, na wɔnhunu; na AWURADE buee wɔn ani, na wɔhunui, na hwɛ, na wɔwɔ Samaria mfimfini.
21Na Israel hene hunuu wɔn no, ɔbisaa Elisa sɛ: M’agya, memmobɔ wɔn anaa?
22Mmb 25.21; 2 Be 28.15 Na ɔbuaa sɛ: Dabi, mmobɔ wɔn. Deɛ wode wo nkrantɛ ne wo tadua afa no dommum no na wobɔ no. Fa aduane ne nsuo sisi wɔn anim na wɔnni na wɔnnom, na wɔnkɔ wɔn wura nkyɛn.
23Na ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa wɔn; na wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ no, ɔgyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔɔ wɔn wura nkyɛn. Na Siria fomfafoɔ asafo no antoa so amma Israel asase so bio.
Ɛkɔm ba Samaria24Na ɛno akyiri no Siriahene Ben-hadad boaa ne dɔm nyinaa ano hyiae, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria.
25Na ɛkɔm kɛseɛ baa Samaria, na hwɛ, wɔkaa wɔn hyɛɛ mu ara de kɔsii sɛ wɔtɔn afunumu ti gyee nnwetɛbena aduɔwɔtwe, na mmuruburo bini kab abupɛn nnan mu baako gyee nnwetɛbena nnum
26Na Israel hene retwam fasuo soɔ no, ɔbaa bi bɔn no sɛ: Owura Ɔhene, boa me!
27Na ɔse: Sɛ AWURADE ammoa wo a, mɛfiri he na maboa woɔ? Ɛmfiri ayuporebea anaa nsa-kyi-amena mu?
28Na Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ɔbaa yi ka kyerɛɛ me sɛ: Fa wo ba ma yɛnni ne nam nnɛ, na yɛadi me ba nam ɔkyena.
29Deut 28.53 Na yɛnoaa me ba no weeɛ; na adeɛ kyeeɛ no, mesee no sɛ: Fa wo ba bra ma yɛnwe; na ɔde ne ba no ahunta.
30Na ɔhene tee ɔbaa no nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔretwam ɔfasuo no soɔ no, nkurɔfoɔ no hwɛe, na ɔfira ayitoma wɔ aseɛ de akata ne honam ani.
31Ɛnna ɔkaa sɛ: Sɛ wɔankum Safat ba Elisa nnɛ da yi a, Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnto so sei.
32Nanso na Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ moahunu sɛ owudini ba yi asoma sɛ wɔmmɛtwa me tire? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no ba a, monto pono mu, na mompia no nkɔ pono ano. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na ɛdi n’akyire yi?
33Amos 3.6 Na ɔda so ne wɔn rekasa no, hwɛ, na ɔbɔfoɔ no resiane aba ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, bɔne yi firi AWURADE nkyɛn, ɛdeɛn na mentwɛn AWURADE mennye bio?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.