2 Samuel 16 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Dawid ne Siba

1 2 Sa 9.2 Na ɛberɛ a Dawid twaa mu firii bepɔ no atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset somfoɔ Siba bɛhyiaa no; ɔde mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso paanoo mmua ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ɔha ne borɔdɔma ntoantoa ɔha ne nsa nwoma kotokuo ma.

2Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode yeinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfunumu yi, wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ na wɔntena so, na paanoo ne nnuaba yi, mmeranteɛ no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ ɛserɛ soɔ na wɔnnom.

32 Sa 19.26 Na ɔhene bisaa sɛ: Na ɛhe na wo wura ba no wɔ? Na Siba buaa ɔhene sɛ: Ɔte Yerusalem, na deɛ ɔreka ne sɛ: Ɛnnɛ Israel fie bɛdane m’agya ahennie ama me.

4Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, deɛ ɛyɛ Mefiboset deɛ nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kaa sɛ: Mebɔ me mu ase ma wo, na ma mennya me wura ɔhene anim adom.

Dawid ne Simei

5 1 Ah 2.8; Eks 22.28 Na Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saulo abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba firii adi baa hɔ; na ɔreba no, na ɔredome.

6Na ɔpaa Dawid ne n’asomfoɔ nyinaa aboɔ; nso na ɔman no nyinaa ne mmarima akofoɔ no nyinaa wowɔ ne nifa ne ne benkum.

7Na Simei redome no, sɛ ɔkaeɛ nie: Firi adi, firi adi, mogyapɛfoɔ, onipa huhuni!

8AWURADE atua wo Saulo a wobɛdii n’adeɛ no fie mogya nyinaa so ka, na AWURADE de ahennie no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’asotwe mu na woda yi, ɛfiri sɛ woahwie mogya agu!

9 1 Sa 26.8 Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Adɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkɔtwa ne tiri ɛ!

10Na ɔhene kaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma no nnome ara, na sɛ AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! a, hwan na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Adɛn nti na woreyɛ sei?

11Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ɔfiri me yam na ɔrehwehwɛ me aku me yi, na kampɛsɛ Benyaminni yi. Monnyaa no mma no nnome, ɛfiri sɛ AWURADE na wahyɛ no.

12Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.

13Na Dawid ne ne nnipa no nam kwan no so rekorɔ no, na Simei nso nam bepɔ no ho ntentensoɔ rekɔ; na ɔrekorɔ no, na ɔredome ara paa no aboɔ, na ɔtoo mfuturo peteeɛ.

14Na ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa durui Yordan ho no; na wɔabrɛ, na wɔhomee wɔ hɔ.

Ahitofel afotu bɔne no

15Na Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem, na Ahitofel ka ne ho.

162 Sa 15.37; 1 Sa 10.24 Na Arkini Husai a ɔyɛ Dawid adamfo baa Absalom nkyɛn no, Husai kyeaa Absalom sɛ: Ɔhene tiri nkwa, ɔhene tiri nkwa!

17Na Absalom bisaa Husai sɛ: W’adɔeɛ a wode yɛ w’adamfo nie? Adɛn nti na wo ne w’adamfo no ankorɔ?

18Na Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, na deɛ AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne deɛ na me ne no atena.

19Bio nso, hwan na mɛsom no? Ɛnyɛ ne ba? Sɛdeɛ mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ no w’anim.

20Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: Tu yɛn fo wɔ deɛ yɛnyɛ ho ɛ.

212 Sa 15.16 Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Kɔ ne w’agya mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no nna, na Israel nyinaa nte sɛ woama wo ho abɔn w’agya, na wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa nsa bɛyɛ den.

222 Sa 12.11; Lew 18.8 Ɛnna wɔsii Absalom ntomadan, aban no atifi, na Absalom ne n’agya mpenafoɔ no daeɛ, Israel nyinaa anim.

23Na Ahitofel ɛfo a ɔtuu no nna no mu yɛɛ wɔn sɛ obi kɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ, na saa na na Ahitofel afotuo nyinaa teɛ ma Dawid ne Absalom.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help