1Enti momma yɛmfa mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ deɛ ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakyera ne Nyankopɔn ho gyidie
2ne asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsagusoɔ ne awufoɔ sɔreɛ ne daa atemmuo anto fapem bio.
3Yei na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ.
4 Heb 10.26-27; Mat 12.31; 1 Yoh 5.16 Na ɛntumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛdeɛ no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bie,
5na wɔaka Nyankopɔn asɛm a ɛyɛ ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden ahodoɔ ahwɛ,
6na wɔafiri ho ahwe aseɛ no, wɔbɛdane wɔn foforɔ akɔ adwensakyera mu, wɔn a wɔsɛne Nyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguaseɛ mu.
7Na asase a ɛnom osuo a ɛtaa tɔ gu soɔ na ɛfifiri aduane a ɛyɛ ma wɔn a wɔn nti wɔdɔ no, nya Nyankopɔn hɔ nhyira no bi.
8Na deɛ ɛfifiri nkasɛɛ ne hwerɛmo no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awieeɛ ne ɔhyeɛ.
9Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam deɛ, yɛn ani da deɛ ɛyɛ sene saa a ɛbata nkwagyeɛ ho so.
10Heb 10.32-34 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.
11Heb 3.14; Flp 1.6 Na yɛyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmaako mmaako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidasoɔ a akyinnyeɛ nni mu koraa mu de kɔduru awieeɛ,
12na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidie ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafoɔ.
Nyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ nokorɛ13 Gye 22.16-17 Na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, na ɔnni deɛ ɔso sene no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa ɔno ara ne ho ntam
14sɛ: Ampa ara, nhyira na mɛhyira woɔ, na dɔre na mɛma woadɔre.
15Na ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.
16Eks 22.11 Ɛfiri sɛ nnipa ka deɛ ɔso sene wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den.
17Ɛno nti na Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔyi n’atirimusɛm a ɛnsakyera kyerɛ bɔhyɛ no adedifoɔ pefee no, ɔde ntam gyinaa mu,
18na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.
19Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛnteɛ, na ɛtim hɔ a ɛhyɛne mu de kɔsi ntwamutam no mu,
20Heb 5.6 deɛ odikanfoɔ bi hyɛnee hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panin.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
