Adiyisɛm 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Israel nnipa ɔpeha aduanan nnan no

1 Dan 7.2; Sak 6.5; Mat 24.31 Yei akyiri no mehunuu abɔfoɔ baanan a wɔgyinagyina asase ntweasoɔ nnan no ano kurakura asase mframa nnan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.

2Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ abɔfoɔ baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no

3Hes 9.4; 9.6 sɛ: Monnha asase anaa ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde agyiraeɛ bɛsisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma soɔ.

4 Adi 14.1; 14.3 Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodoɔ: Mpem ɔha aduanan nnan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuo nyinaa mu.

5Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dummienu, Ruben abusuakuo mu, mpem dummienu, Gad abusuakuo mu, mpem dummienu,

6Aser abusuakuo mu, mpem dummienu, Naftali abusuakuo mu, mpem dummienu, Manase abusuakuo mu, mpem dummienu,

7Simeon abusuakuo mu, mpem dummienu, Lewi abusuakuo mu, mpem dummienu, Isakar abusuakuo mu, mpem dummienu,

8Sebulon abusuakuo mu, mpem dummienu, Yosef abusuakuo mu, mpem dummienu, Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano, mpem dummienu.

Nnipakuo kɛseɛ no

9 Adi 6.11 Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ.

10Adi 12.10 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ:

Nkwagyeɛ no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ ne adwammaa no dea.

11 Adi 5.11; 11.16 Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn

12Adi 5.12 kaa sɛ:

Amen, nhyira ne animuonyam ne nyansa

ne aseda ne anidie

ne tumi ne ahoɔden

yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa. Amen.

Nkwagyeɛ a ɛnam adwammaa no so ba

13Na mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ: Yeinom a wɔhyehyɛ ntadeɛ yuu fitaa yi yɛ hwannom, na wɔfiri he?

14Adi 3.10; Mat 24.21; Heb 9.14 Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.

15 Adi 11.19; 14.15; 14.17; 15.5; 15.8; 16.1; 21.3; 21.22 Yei nti na wɔwɔ Nyankopɔn ahennwa anim,

na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu,

na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no bɛkata wɔn so.

16 Yes 49.10 Ɛkɔm renne wɔn bio, nso sukɔm renne wɔn bio,

nanso owia anaa

ahuhuro biara rento wɔn.

17 Adi 5.6; Dwom 23.2; Adi 21.4; Yes 25.8 Na adwammaa a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn Hwɛfoɔ,

na ɔde wɔn akɔ nkwa asutire ho,

na Onyankopɔn bɛpepa nisuo nyinaa afiri wɔn aniwa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help