Nnwom 87 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn kuro mufoɔKora mma dwom.

1AWURADE kuro a ɔkyekyereeɛ wɔ mmepɔ kronkron so.

2AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa.

3Wɔka wo ho animuonyamsɛm,

Nyankopɔn kuro.

4 Yes 30.7; Dwom 68.31 Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ

din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a,

yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara.

5Na Sion ho deɛ, wɔbɛka sɛ:

Wɔwoo wɔn nyinaa mmaako mmaako wɔ ne mu,

na ɔno na ɔma n’ase tim, ɔsorosoroni no.

6Sɛ AWURADE twerɛ aman din a, ɔbɛka sɛ:

Oyi, wɔwoo no hɔnom.

7Na nnwontofoɔ ne asafoɔ bɛka sɛ:

Me mmasuo nyinaa wɔ wo mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help