Deuteronomium 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔsetie ho kɔkɔbɔ

1Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no.

2Deut 13.1; Mmb 30.6; Adi 22.18-19 Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.

3Num 25.3-9 Mo ani ahunu deɛ Baal-peor nti AWURADE yɛeɛ sɛ nnipa a wɔdii Baal-peor akyire nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn firii mo mu;

4na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ.

5Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.

6Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!

7Deut 33.29; 2 Sa 7.23 Na ɔman kɛseɛ bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, frɛ a yɛfrɛ no no nyinaa mu yi?

8Na ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ tenenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa?

9 Dwom 103.2 Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.

10Eks 19.17; Deut 6.7; 11.19 Ɛda a na wogyina AWURADE wo Nyankopɔn anim, Horeb soɔ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wɔntie me nsɛm a wɔnsua mfa nsuro me, nna a wɔde te aseɛ, asase soɔ nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma:

11Na motwe pini bɛgyinaa bepɔ no ase, berɛ a na ogya redɛre de wisie kumɔnn rekɔ soro tɔnn, bepɔ no so, mununkum ne esum kabii mu.

12Na AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; sɛdeɛ nsɛm no teɛ no, mo ara motee, na ne tebea bi na moanhunu anka ɛnne no ho.

13Eks 31.18 Na ɔkaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔtwerɛɛ wɔ aboɔpono mmienu so.

14Na me nso AWURADE hyɛɛ me berɛ no mu sɛ menkyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monyɛ, asase a moretwam akɔfa no so.

Abosonsom ho kɔkɔbɔ

15Enti monhwɛ mo kra so yie, ɛfiri sɛ moanhunu tebea biara da no a AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo Horeb soɔ no.

16Eks 20.4 Na moanni asɛmmɔne ankɔyɛ ohoni a wɔasene amfa, adeɛ biara tebea, ɔbarima anaa ɔbaa nsɛsoɔ,

17asase so aboa biara nsɛsoɔ, atakraboa a ɔtu wiem nsɛsoɔ,

18adeɛ biara a ɛwea fam nsɛsoɔ, apataa biara a ɔwɔ nsuo mu, asase ase nsɛsoɔ.

19Deut 17.3 Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.

20Eks 19.5-6 Na mo deɛ, AWURADE na wayi mo afiri dadeɛ fononoo mu, afiri Misraim sɛ mommɛyɛ n’agyapadeɛ sɛdeɛ moteɛ nnɛ da yi.

21Deut 3.26 Na mo nti AWURADE nyaa me abufuo, na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan na merenkɔ asase pa a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so;

22na me deɛ, merebɛwu asase yi so, merentwa Yordan, na mo na mobɛtwa akɔfa asase pa no.

23Monhwɛ mo ho yie na mo werɛ amfiri AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pameeɛ no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abara woɔ nsɛsoɔ amfa.

24Deut 9.3; Eks 20.5; Yes 10.17; Heb 12.29 Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ, Onyankopɔn ninkufoɔ.

25Sɛ mowo mma na mo mma nso wo, na mokyɛre asase no so, na modi asɛmmɔne yɛ ohoni, adeɛ biara tebea, na moyɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anim de huru ne bo a,

26Deut 30.19; 31.28; 32.1 ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ ɛmmɛdi mo adanseɛ sɛ yera na mobɛyera ntɛm soɔ afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so, mo nna renkyɛre so, na mmom sɛeɛ na mobɛsɛe pasapasa.

27Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;

28Deut 28.36; Dwom 115.4-7 na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne aboɔ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛnnidie na ɛnhua adeɛ nhwɛ no.

29Dwom 27.8; Yer 29.13-14 Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no.

30Lew 26.40 Sɛ mokɔ ahohiahia mu na nnoɔma yi nyinaa to mo nna a ɛdi akyire no mu a, mobɛsane aba AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn abɛtie ne nne;

31na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ, ɔrempa mo na ɔrensɛe mo, na ne werɛ remfiri mo nananom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.

32Na mommu nkɔmpɔ nhwɛ mo akyi, ɛfiri da a Onyankopɔn bɔɔ onipa baa asase soɔ, na mommisa mfiri soro ano kɔpem ano, sɛ wɔayɛ biribi a ɛte sɛ asɛnkɛseɛ yi, anaasɛ wɔate biribi sɛ ɛno,

33Eks 20.1, 19 sɛ ɔman bi ate Nyankopɔn nne sɛ ɛfiri ogya mu rekasa, sɛdeɛ woateɛ yi, na wɔanya nkwa anaa?

34Deut 7.19 Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?

35Deut 32.39 Wo deɛ, wɔama woahunu, na woahunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho.

36Ɔfiri soro ma wotee ne nne sɛ ɔretenetene woɔ, na asase so nso wama woahunu ne gya kɛseɛ no, na woate ne nsɛm afiri ogya mu.

37Eks 33.14 Ɛsiane sɛ ɔdɔ wo nananom nti, wayi wɔn asefoɔ a ɛdi wɔn akyire, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛseɛ ayi wo afiri Misraim,

38sɛ ɔrebɛtu aman a wɔso na wɔyɛ den sene woɔ afiri w’anim, sɛ ɔde wo rekɔ hɔ de wɔn asase akɔma wo sɛ awunnyadeɛ, sɛdeɛ ɛte nnɛ da yi.

39Enti hunu nnɛ, na fa sie w’akoma mu, sɛ AWURADE ne Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so na obi nni hɔ bio.

40Na di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie, na woakye wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so daa nyinaa.

Mose yi dwanekɔbea nkuro mmiɛnsa

41 Num 35.6-29; Deut 19.2-13 Ɛno na Mose yiyii nkuro mmiɛnsa, Yordan agya deɛ owia pue,

42sɛ onipakumfoɔ a ɔkum ne yɔnko nsapa mu na ɔntane no dada no nnwane nkɔ hɔ, na ɔdwane kɔ nkuro yi baako mu a, wanya nkwa:

43Ɔyii Beser wɔ ɛserɛ so ne asaseta so maa Rubenfoɔ, ne Ramot wɔ Gilead maa Gadfoɔ, ne Golan wɔ Basan maa Manasefoɔ.

44Na yei ne mmara a Mose de too Israelfoɔ no anim.

45Yeinom ne adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a Israelfoɔ firii Misraim baeɛ no, Mose ka kyerɛɛ wɔn

46Yordan agya, bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ, Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfoɔ firi Misraim baeɛ no, wɔkum no no asase so.

47Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apueeɛ fam no, asase,

48Deut 3.8-9 ɛfiri Areor a ɛda Arnon subonhwa ano kɔsi Sion bepɔ (a ɛne Hermon ho),

49ne Araba mpaperɛ a ɛda Yordan agya apueeɛ no nyinaa kɔduru Araba mpaperɛ so ɛpo no ano wɔ Pisga ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help