Nnwom NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUNnwom nwoma no yɛ nnwom nwoma ne mpaebɔ nwoma a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu. Ɛberɛ a ɛware na nnipa ahodoɔ a wɔtwerɛɛ nnwom ne mpaebɔ no de boaboaa ano maa Israelfoɔ nyamesom. Ɛno akyire no, wɔde kaa Atwerɛ nwoma no ho.Saa nyamesom mu anwonsɛm no gu ahodoɔ; mpaebɔ a ɛfa mmoa ho, banbɔ, ne nkwagyeɛ; bɔne fakyɛ ho srɛ; Onyankopɔn nhyira ho aseda; ne asotwe a ɛfata wɔn atamfoɔ ho adesrɛ. Mpaebɔ no bi yɛ ankorankorɛ deɛ, na ebi nso yɛ ɔman deɛ. Ebi yɛ onipa baako bi ahiadeɛ ne n’atenka, na deɛ aka no yɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ahiadeɛ ne wɔn atenka.Yesu kasa firii nnwom no mu, na apam foforɔ atwerɛfoɔ nso yiyii wɔn nsɛm bi firii mu. Ɛfiri Kristosom ahyɛaseɛ no, abɛyɛ nwoma a ɛsom boɔ de abɛduru sɛsɛɛ.EMU NSƐMSɛdeɛ wɔakyɛ nnwom ɔha aduonum a ɛgu akuakuo anaa nwoma ahodoɔ nnum no mu nie;Nwoma a ɛdi kan 1—41Nwoma a ɛtɔ so mmienu 42—72Nwoma a ɛtɔ so mmiɛnsa 73—89Nwoma a ɛtɔ so nnan 90—106Nwoma a ɛtɔ so nnum 107—150