1 Berɛsosɛm 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔhene Dawid asefoɔ

1 2 Sa 3.2-5 Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ.

2Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit ba.

3Deɛ ɔtɔ so nnum ne Sefatia a ɔyɛ Abital ba. Deɛ ɔtɔ so nsia ne Yitream a ɔyɛ ne yere Egla ba.

4Hebron na wɔwoo baasia maa no, na ɔdii hɔ hene mfeɛ nson ne abosome nsia na ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.

51 Be 14.4-7; 2 Sa 5.14-16 Na yeinom na wɔwoo wɔn maa no wɔ Yerusalem: Simea, Sobab, Natan ne Salomo, baanan yi yɛ Amiel babaa Bat-sua deɛ no;

6ne Yibhar, Elisama, Elifelet,

7Noga, Nefeg, Yafia,

8Elisama, Eliada ne Elifelet, wɔyɛ baakron,

92 Sa 13.1 wɔn nyinaa Dawid mma, ɛsono mpenafoɔ mma. Na Tamar yɛ wɔn nuabaa.

10 Mat 1.7-12 Na Salomo ba ne Rehoboam, ne ba ne Abia, ne ba Asa, ne ba Yehosafat,

11ne ba Yoram, ne ba Ahasia, ne ba Yoas,

12ne ba Amasia, ne ba Asaria, ne ba Yotam,

13ne ba Ahas, ne ba Hesekia, ne ba Manase,

14ne ba Amon, ne ba Yosia.

15Na Yosia mma ne: N’abakan Yohanan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia tɔ so mmiɛnsa, Salum tɔ so nnan.

16Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia.

172 Be 36.10 Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel,

18ne Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama, ne Nedabia.

19Esra 3.2, 8 Na Pedaia mma ne: Serubabel ne Simei. Na Serubabel mma ne: Mesulam, Hanania ne wɔn nuabaa Selomit;

20ne Hasuba, ne Ohel, ne Berekia ne Hasadia, Yusab-Hesed, wɔyɛ baanum.

21Na Hanania mma ne: Pelatia ne Yesaia, Refaia mma, Arnan mma, Obadia mma, Sekania mma.

22Na Sekania mma ne: Semaia; Semaia mma ne: Hatus, Yigal, Baria, Nearia ne Safat, wɔyɛ baasia.

23Na Nearia mma ne: Elioenai, Hiskia ne Asrikam, wɔyɛ baasa.

24Na Elioenai mma ne: Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani, wɔyɛ baason.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help