Ester 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔtu Ɔhemmaa Wasti adeɛ so

1Na Akas-weros berɛ so, — Akas-weros a na ɔdi hene firi India de kɔsi Etiopia, amantam ahodoɔ ɔha aduonu nson so, —

2ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ,

3n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

4Ɛno mu na ɔyii n’ahennie animuonyam dodoɔ, ne ne kɛseyɛ hran, ne ne fɛ no kyerɛeɛ nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.

5Na nna yi wiee duro no, ɔhene no too nkurɔfoɔ a wɔwɔ Susa abankɛseɛ no mu nyinaa pono firi akɛseɛ so kɔsii nkumaa so nnanson, wɔ ahemfie turom abannwa so,

6nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so.

7Na wɔhyehyɛɛ nsa sika nkuruwa mu, na nkuruwa no nso gu ahodoɔ, na ɔhene nsa no dɔɔso, sɛdeɛ ɛwɔ ɔhene no nsam.

8Na nsa no nom nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ; wɔanhyɛ obiara; na saa na na ɔhene no ahyɛ ne fie so mpanimfoɔ nyinaa, sɛ onipa biara nyɛ sɛdeɛ ɔpɛ.

9Ɔhemmaa Wasti nso too mmaa pono wɔ Ɔhene Akas-weros ahemfie.

10Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,

11sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra ɔhene anim, ahennie abotire no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfɛ, ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

12Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.

13 1 Be 12.32 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔnim mmara no, (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene asɛm ba wɔn a wɔnim mmara ne asennie no anim,

14na wɔn a wɔbɛn no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, Persia ne Media mmapɔmma baason a wɔhunu ɔhene anim ne ahennie no mu atitire no,)

15sɛ: Ɛdeɛn na mmara no ka sɛ wɔnyɛ Ɔhemmaa Wasti, sɛ wanni Ɔhene Akas-weros asɛm a mpiafoɔ no kɔka kyerɛɛ no soɔ no?

16Na Memukan kaa no ɔhene ne mmapɔmma no anim sɛ: Ɛnyɛ ɔhene nko ara na Ɔhemmaa Wasti afom no, na wafom mmapɔmma nyinaa ne amanaman a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa nso.

17Na wɔbɛka ɔhemmaa no asɛm no akyerɛ mmaa nyinaa, na wɔbɛbu wɔn kununom animtia aka sɛ: Ɔhene Akas-weros kaa sɛ wɔmma Ɔhemmaa Wasti mmra n’anim, na wamma.

18Na ɛnnɛ da yi Persia ne Media mmaa adehyeɛ a wɔate ɔhemmaa no asɛm no bɛkeka akyerɛ ɔhene asafohene nyinaa, na animtiabuo ne abohuro bɛdɔɔso.

19Dan 6.8 Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfiri ne hɔ, na wɔntwerɛ no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannane ani, sɛ: Wasti mmma Ɔhene Akas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadie no mma ne yɔnko a ɔyɛ sene no.

20Na wɔbɛte ɔhene asɛm a ɔrebɛdie yi n’ahennie nyinaa mu, ɛfiri sɛ na ɛso, na ama ɛyerenom nyinaa ani asɔ wɔn kununom, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so.

21Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛɛ sɛdeɛ Memukan kaeɛ no.

22Est 3.12; 8.9; Gye 3.16 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help