Nnwom 36 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn adɔeɛWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. AWURADE akoa Dawid deɛ.

1 Rom 3.18 Ɔbɔnefoɔ mmarato kasa

wɔ n’akoma mu:

Nyankopɔn suro biara

nni n’ani so.

2Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so

sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi.

3N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa,

wagyae nimdeɛsua ne papayɛ.

4 Mika 2.1 Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so,

ɔde ne nan asi ɔkwan a ɛnyɛ so;

bɔne deɛ, ɔnkyi.

5 Dwom 57.10; 108.4 Ao, AWURADE, w’adɔeɛ kɔduru soro,

na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.

6 Dwom 125.1-2 Wo tenenee te sɛ Nyankopɔn mmepɔ,

w’atemmuo te sɛ ebunu a emu dɔ.

AWURADE, wogye nnipa ne mmoa nkwa.

7Ao, Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ w’adɔeɛ no si so fa!

Na nnipa mma de wɔn ho kɔhyɛ wo ntaban nwunu ase.

8 Dwom 23.5 Wo fie mu sradeɛ meemee wɔn,

na woma wɔnom w’anigyeɛ asubɔnten.

9 Yer 2.13 Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ,

wo hann mu na yɛhunu hann.

10Ma w’adɔeɛ nkyɛre mma wɔn a wɔni woɔ,

ne wo tenenee mma akoma mu teefoɔ.

11Mma ɔhantanni nan nntia me,

na mma abɔnefoɔ nsa nnsum me!

12Ɛnneɛ na amumuyɛfoɔ atotɔ,

wɔasum wɔn ahwehwe fam a wɔntumi nsɔreɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help