Deuteronomium 29 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE apam

1 Deut 5.2 Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho.

2 Eks 19.4 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa,

3nsɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ no.

4Deut 5.29; Hos 6.9-10 Nanso ɛde bɛsi nnɛ AWURADE mmaa mo saa akoma a ɛnim adeɛ, ani a ɛhunu adeɛ ne aso a ɛte asɛm.

5Deut 8.2, 4 Na mama moanante ɛserɛ so mfirinhyia aduanan; mo ntoma nsuu mo ho, na wo mpaboa ntetee wo nan ase;

6moanni paanoo na moannom bobesa ne nsa biara, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

7Num 21.21-35 Na moduruu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og firi ne yɛn bɛkoe, na yɛkumm wɔn;

8Num 32 na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusuakuo fa sɛ wɔnni so.

9Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm nni so, na deɛ moyɛ nyinaa awie mo yie.

10Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina AWURADE mo Nyankopɔn anim; mo atitire, mo mmusuakuo, mo mpanimfoɔ ne mo ahwɛfoɔ, Israel mmarima nyinaa;

11mo mma, mo yerenom ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nsraban mu, ɛfiri duabuni so kɔsi wo nsusafoɔ soɔ,

12sɛ wobɛhyɛne AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nseɛ a ɔne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu,

13sɛ nnɛ ɔde wo resi hɔ ayɛ ne man, na ɔno nso ayɛ wo Nyankopɔn, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ ne sɛdeɛ ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam no.

14Deut 5.3 Na ɛnyɛ mo nko na me ne mo repam yi na meredi nseɛ yi,

15na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi.

16Na mo ara monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim asase soɔ, ne sɛdeɛ yɛtwaa amanaman a mofaa wɔn mu baeɛ no mu;

17na mohunuu wɔn akyiwadeɛ ne wɔn nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sika ahoni a ɛwɔ wɔn mu no;

18Heb 12.15 na monhwɛ yie, na ɔbarima bi anaa ɔbaa bi anaa abusua bi anaa abusuakuo bi antena mo mu a wɔn akoma redane nnɛ afiri AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na nhini bi antena mo mu a ɛso ɛborɔ ne ɔnwono;

19na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom.

20Deut 28.15-68 AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so.

21Na AWURADE bɛyi no afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu ama bɔne, sɛdeɛ apam a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no mu nseɛ no nyinaa teɛ.

22Na sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyire, ne ɔnanani a ɔfiri akyirikyiri asase so bɛba no hunu asase yi haw ahodoɔ ne nyarewa a AWURADE de aba soɔ,

23Gye 19.24; Hos 11.8 sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm,

24na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Adɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi seyie? Abufuo kɛseɛ hyehyeɛ yi yɛ deɛn?

25Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn nananom Nyankopɔn apam a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ no, ɔne wɔn pameeɛ no,

26na wɔakɔ akɔsom anyame foforɔ na wɔasɔre wɔn, anyame a wɔnni wɔn na ɛnyɛ ɔno na ɔde wɔn maa wɔn.

27Na AWURADE abufuo dɛre tiaa asase yi maa no de nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa baa so;

28enti na watutu wɔn afiri wɔn asase soɔ abufuo ne aboɔhyeɛ ne abohuro kɛseɛ mu na wato wɔn agu asase bi soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

29 Deut 32.34; Dwom 147.19-20 Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help