1Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, wɔbɛsa Yuda ahemfo nnompe, n’asafohene nnompe, asɔfoɔ nnompe, adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn adamena mu,
2Deut 4.19; Yer 14.16 na wɔahata wɔn owia ne ɔsrane ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsomm wɔn, na wɔdii akyire na wɔpɛɛ akyire kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano, na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina wɔ asase ani.
3Na abusua bɔne yi mu nkaeɛ a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owuo asene nkwa, wɔ baabiara a metuu wɔn mekɔeɛ no, asafo AWURADE asɛm nie.
4Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie:
Wɔhwe ase a, wɔnsan nsɔre bio anaa?
Anaasɛ wɔmane kɔ a, wɔnsane mma?
5Ɛdeɛn nti na Yerusalem man yi
amane a wɔnsane da?
Wɔkura nnaadaa kwan mu pintinn,
wɔmpɛ sɛ wɔsane ba.
6Mawɛn m’aso matie,
nso deɛ ɛntene na wɔka.
Obiara nni hɔ a ɔnu ne ho wɔ ne bɔne ho
ka sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ yi?
Obiara asi ne kwan so
sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm.
7 Yes 1.3 Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo
nim ne berɛ,
anyankuku, asomfenakatakyi ne nantwinoma
wɛn wɔn ba berɛ,
nanso me man deɛ wɔnnim
AWURADE ahyɛdeɛ.
8Nanso na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafoɔ,
AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ?
Ampa, hwɛ, atwerɛfoɔ pɛnsere torofoɔ
ama no adane atorɔ.
9Anyansafoɔ ani bɛwu,
wɔbɛbɔ binim na wɔakye wɔn.
Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapoɔ yi,
na nyansa bɛn na wɔwɔ?
10 Yer 6.13-15; Yes 56.11 Ɛno nti mede wɔn yerenom bɛma afoforɔ,
na mama ahɔhoɔ afa wɔn mfuo atena so,
ɛfiri sɛ ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ,
ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ,
wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.
11Na wɔsaa me man kuro adwenhare so sɛ:
Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ!
Nso asomdwoeɛ nni hɔ.
12Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho?
Dabi, wɔn ani anwu koraa,
na wɔn anim nso ansiam.
Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu,
berɛ a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase,
AWURADE na ɔseɛ.
13Berɛ a mɛsesa wɔn akorɔ no, AWURADE asɛm nie,
wɔrenhunu esia esia bobe ho,
anaa borɔdɔma wɔ borɔdɔma nnua so,
na ahahan mpo adwinnwan,
na deɛ mede memaa wɔn no afiri wɔn nsa.
14 Yer 9.15 Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn?
Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu,
na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ,
na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo,
na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom,
ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.
15 Yer 14.19 Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nso biribi pa biara amma,
ne ɔyaresa berɛ nso, na hwɛ, akomatuo nko.
16Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo firi Dan.
Wɔn apɔnkɔnini su dede nti
asase no nyinaa woso;
ɛfiri sɛ wɔreba abɛdi asase ne ɛso adeɛ nyinaa,
nkuro ne wɔn a wɔte mu.
17 Skf 10.11 Na hwɛ, merema awɔ,
nhuritia a ntafowayie biara ntumi wɔn aba mo mu,
na wɔabɛkeka mo,
AWURADE asɛm nie.
Odiyifoɔ no su ma ne man18 Yer 4.19 Mennya m’awerɛhoɔ mu awerɛkyekyerɛ,
m’akoma aboto wɔ me mu.
19Tie, me man babaa sufrɛ nne
firi akyirikyiri asase so:
AWURADE nni Sion,
anaasɛ ne hene no nni mu bio?
Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni
ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?
20Twaberɛ atwam, aduabateɛberɛ asa,
na yɛn deɛ, wɔnnyee yɛn.
21Me man babaa kuro nti mayɛ samoo, mayɛ kusuu,
ahodwirie akuta me.
22 Yer 46.11 Aduhwam biara nni Gilead,
anaasɛ ɔyaresafoɔ biara nni hɔ?
Na adɛn nti na wɔnnya nsaa me man
babaa no yadeɛ?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.