Numeri 29 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Totorobɛnto afahyɛ afɔdeɛ

1 Lew 23.24-25 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da.

2Na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;

3ne ɛho aduane afɔdeɛ: Esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,

4na abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho;

5ne ɔpapo baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ de apata ama mo;

6ɛsono bosome foforɔ so hyeɛ afɔdeɛ, ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne ɛho ahwiesa sɛdeɛ ɛteteɛ; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam.

Nnipa asebrɛ da afɔdeɛ

7 Lew 23.27-32 Na bosome a ɛtɔ so nson no ara da a ɛtɔ so du no, monhyia nhyia kronkron, na monni mmuada; monnyɛ adwuma biara;

8na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;

9ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,

10abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho;

11Lew 16.11-22 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono bɔne ho afɔdeɛ ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

Asese afahyɛ afɔdeɛ

12 Lew 23.34-43 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnanson mma AWURADE.

13Na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Anantwinini dummiɛnsa, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

14ne ɛho aduane afɔdeɛ; esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka anantwinini dummiɛnsa no mu koro biara ho, abupɛn du mu mmienu nka adwennini mmienu no ho,

15na abupɛn du mu baako nka nnwammaa dunan no mu koro biara ho;

16ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɛho aduane ne ɛho ahwiesa.

17Na da a ɛtɔ so mmienu no: Anantwinini dummienu, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

18ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

19ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

20Na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no: Anantwinini dubaako, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

21ne anantwie, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

22ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

23Na da a ɛtɔ so nnan no; anantwinini du, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

24ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

25ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

26Na da a ɛtɔ so nnum no; anantwinini nkron, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

27ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

28ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

29Na da a ɛtɔ so nsia no; anantwinini nwɔtwe, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

30ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

31ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

32Na da a ɛtɔ so nson no; anantwinini nson, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

33ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

34ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

35Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, monhyia afahyɛ nhyiamu; monnyɛ adwumaden biara;

36na momfa hyeɛ afɔdeɛ a ɛne ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;

37nantwinini ne odwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

38ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

39Yeinom na monyɛ mma AWURADE, mo afa a mohyɛ no mu; ɛsono mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo aduane afɔdeɛ ne mo ahwiesa ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ.

40Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help