Atemmufoɔ 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Debora ne Barak

1Na Israelfoɔ no kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; nso na Ehud awu.

2Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.

3Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.

4Nso Odiyifoɔbaa Debora a ɔyɛ Lapidot yere na na ɔbu Israel atɛn saa berɛ no.

5Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn.

6Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?

7Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

8Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnneɛ mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnneɛ merenkɔ.

9Na ɔkaa sɛ: Korɔ na me ne wo bɛkorɔ, nanso ɔkwan a worekorɔ yi so animuonyam renyɛ wo ara wo deɛ, na ɔbaa bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.

10Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ.

11 Ate 1.16; Num 10.29 Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab mma na wate mu akɔduru dupɔn a ɛwɔ Saanaim a ɛbɛn Kades no ho akɔsi ne ntomadan.

12Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so.

13Na Sisera maa wɔkɔpae hyiahyiaa ne nteaseɛnam a ɛyɛ dadeɛ nteaseɛnam ahankron no nyinaa ne ɔman a wɔka ne ho nyinaa de firi Haroset-hagoyim baa Kison nsunoa.

14Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.

15Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu.

16Na Barak tii nteaseɛnam no ne dɔm no kɔduruu Haroset-ha-goyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano, anka baako mpo.

17Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam.

18Na Yael firii adi kɔhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mane, me wura! Mane bra me nkyɛn, nsuro! Na ɔmane baa ne nkyɛn ntomadan no mu, na ɔde kuntu kataa ne so.

19Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsuo kakra mennom ɛ, na sukɔm de me. Na ɔsanee nufosuo adeɛ ano maa no nomee, na ɔkataa ne so.

20Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntomadan no pono ano, na sɛ obi ba na ɔbisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi.

21Ɛnna Heber yere Yael faa ntomadan no pɛɛwa, na ɔfaa asaeɛ kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛɛ, na ɔde pɛɛwa no kɔbɔɔ n’asontorɔ mu kɔsii fam, ɛfiri sɛ na ɔbrɛ nti wada hatee, na ɔwui.

22Na hwɛ, na Barak reti Sisera; na Yael firii adi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn. Na hwɛ, na Sisera da hɔ awu, na pɛɛwa no tua n’asontorɔ mu.

23Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaanhene Yabin ase da no ara wɔ Israelfoɔ anim;

24na Israelfoɔ no nsa kɔɔ so ara yɛɛ den Kanaan hene Yabin so kɔsii sɛ wɔtuu no guiɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help