1Bebree ayɛ bɔne de ahwehwɛ mfasoɔ,
na wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ adefoɔ no bɛdane wɔn ani.
2Sɛdeɛ wɔbɔ dua so pintinn kɔ asase a aboɔ wɔ mu no,
saa ara na wɔde bɔne tim adetɔn ne adetɔ ntam.
3Sɛ onipa bi nnyina pintinn wɔ Awurade suro mu a,
wɔbu ne dan gu ntɛm ara.
Abrabɔ mu nsɔhwɛ4Ɛberɛ a wɔwoso sɔneeɛ no na aseɛ wira no da adi;
na saa ara na onipa mfomsoɔ teɛ wɔ ɛberɛ a ɔkasa mu.
5Fononoo sɔ ɔnwomfoɔ kukuo hwɛ;
enti deɛ wɔde sɔ onipa hwɛ no wɔ ne kasa mu.
6Aduaba na ɛma wɔhu dua a wɔadua no;
enti onipa ano kasa ma wɔhu adwene a ɔkura.
7Nkamfo onipa bi ansa na wabue n’ano akasa,
ɛfiri sɛ saa kwan yi so na wɔsɔ nnipa hwɛ.
Akatua ne Ananmuhyɛ8sɛ woti atɛntenenee a, wo nsa bɛka no,
na woahyɛ no te sɛ animuonyam atadeɛ.
9Nnomaa a wɔsɛ na ɛbom da,
enti nokorɛdie kɔ wɔn a wɔdi nokorɛ no fie.
10Gyata da hɔ hwehwɛ afonam;
saa ara na bɔne yɛ amumuyɛfoɔ.
Ɔkasa ahodoɔ11Nnipa a wɔwɔ nyamesuro no kasa nyansa mu da biara,
na mmom ɔkwasea di adaneadane sɛ bosome.
12Sɛ wohyɛ nkwaseafoɔ mu a, hwehwɛ kwan twe wo ho,
na mmom sɛ wohyɛ mmadwemma mu a, hyɛ hɔ ara.
13Nkwaseafoɔ nsɛnkeka hyɛ abufuo,
na wɔn sereɛ yɛ bɔne wɔ ahohwie mu.
14Wɔn duabɔ ne wɔn nseɛdie ma nnipa bɔ hu,
na wɔn ntɔkwapɛ ma afoforɔ sisi wɔn aso.
15Ɔhantanni ntɔkwa keka kɔ mogya hwieguo,
na wɔn adapaatwa yɛ deɛ ɛhyɛ awerɛhoɔ.
Ahuntasɛm16 Mmb 20.19; 25.9 Obiara a ɔma ahuntasɛm da adie no, ɔsɛe awerɛhyɛmu,
na ɔrennya adamfoɔ a ɔfata ara da.
17Dɔ wo yɔnko na di nokorɛ ma no;
na mmom sɛ woda n’asumasɛm adi a, ɛnneɛ ɛnni n’akyi.
18Na sɛdeɛ onipa sɛe ne tamfoɔ no,
saa ara na woasɛe wo yɔnko ayɔnkofa.
19Na sɛdeɛ woma anomaa firi wo nsam dwane no,
saa ara na woama wo yɔnko no korɔ, na wo nsa renka no bio.
20Nti no nkɔhwehwɛ no bio, ɛfiri sɛ waduru akyiri dodo,
na wadwane sɛdeɛ ɔwansan dwane firi fidie mu.
21Ɛwom sɛ wɔbɛkyekyere ekuro,
na nkabom wɔ adapaabɔ akyi deɛ,
nanso obiara a wada ahuntasɛm adie no deɛ, ɔnni anidasoɔ.
Nyaatwom ne ananmuhyɛ22Obiara a ɔbu anikyie no dwene bɔne,
na wɔn a wɔnim no no bɛtwe wɔn ho afiri ne ho.
23W’anim deɛ ɔbɛka no dɛdɛɛdɛ,
na wagyegye deɛ wobɛka no ho;
nanso akyire no ɔbɛdane n’ano
na wagyina wo ara w’anom nsɛm so apa wo.
24Matane nnoɔma bebree deɛ, nanso ɛno kyɛn wɔn nyinaa;
Awurade koraa mpo tane no.
25Obiara a ɔto boɔ kɔ soro tee no, ɔto bɔ n’ankasa ne tirim;
na nkontomponi twɛdeɛ de pira bebree ba.
26Obiara a ɔtu amena no, ɔbɛtɔ mu,
na obiara a ɔsum fidie no, ɔno ara bɛtɔ mu.
27Sɛ onipa bi yɛ bɔne a, ɛsane dane kɔ ɔno ara so,
na ɔrenhunu faako a ɛfiri baeɛ.
28Fɛwdie ne adapaabɔ firi ɔhantanni hɔ na ɛba,
nanso aweretɔ da hɔ twɛn wɔn sɛ gyata.
29Wɔn a wɔn ani gye nyamesuroni ahweaseɛ ho no bɛtɔ fidie mu,
na ɔbɛhu yea kɔsi sɛ wɔbɛwuo.
Abufuo ne aweretɔ30Abufuo ne aweretɔ nyinaa nso yɛ akyiwadeɛ,
nanso ɔdebɔneyɛni ani gye ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.