Nehemia 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Obiara mfa ne ka nni

1Na ɔman no ne wɔn yerenom nteamu kɛseɛ sɔre tiaa wɔn nuanom Yudafoɔ no,

2na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

3Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo ne yɛn afie resisi nwowa apɛ ɛkɔm ano aduane.

4Na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛafɛm sika de ayi ɔhene toɔ, yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo no ho.

5Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.

6Na metee wɔn nteamu ne nsɛm yi no, me bo fuu pa ara.

7Eks 22.24 Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,

8na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.

9Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?

10Na me nso, me nuanom ne m’asomfoɔ, yɛafɛm wɔn sika ne aduane, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

11Ɛnnɛ ara monnane wɔn mfuo ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afie mma wɔn, ne sika ne aduane ne nsa ne ngo no ha mu abupɛn a mogyee no wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

12Ɛnna wɔse: Yɛbɛdane ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribiara. Yɛbɛyɛ saa, sɛdeɛ woaka no. Na mefrɛɛ asɔfoɔ no mebae, na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ no sɛdeɛ asɛm yi teɛ.

13Meporeporee me kokom nso na mekaa sɛ: Sei ara na Onyankopɔn bɛporepore onipa biara a ɔmma asɛm yi ntim no afiri ne fie ne n’adwuma mu, na sei ara na wɔbɛporepore no na wayɛ onipahunu. Na badwa no nyinaa kaa sɛ: Amen. Na wɔyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.

Nehemia ahofama

14Nso ɛfiri da a wɔde me yɛɛ Yuda asase so amrado no, ɛfiri Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu kɔsi afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mfeɛ dummienu, me ne me nuanom anni amrado aduane.

15Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.

16Na ɔfasuo yi ho adwuma no nso, mesɔɔ mu, na yɛannye asase biara mpo, na m’asomfoɔ nyinaa ano bɛboae wɔ adwuma no ho.

17Na Yudafoɔ ne mpanimfoɔ no mu ɔha aduonum ne wɔn a wɔfifiri yɛn ho amanaman mu ba yɛn nkyɛn no didii me pono so.

18Na deɛ wɔnoa da koro nie: Nantwinini baako ne nnwan a wɔadɔ nsia, na ntakraboa na wɔsiesie ma me, na dadu mu prɛko, nsa ahodoɔ bebree bu so. Nanso yei mu no, mammisa amrado aduane, ɛfiri sɛ na ɔsom no yɛ duru wɔ ɔman no so.

19Neh 13.14, 22, 31 Ao, Me Nyankopɔn, mesrɛ wo, kae ma me yiedie wɔ deɛ ɔman yi nti meyɛeɛ no nyinaa ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help