2 Berɛsosɛm 23 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔsra ɔhene foforɔ ngo

1 2 Ah 11.4-20 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada sii ne bo faa ɔha ha so asafohene Yeroham ba Asaria, ne Yohanan ba Ismael, ne Obed ba Asaria ne Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat maa wɔne no pamee.

2Na wɔkyinii Yuda, na wɔboaboaa Lewifoɔ no ano firi Yuda nkuro nyinaa mu, ne Israel agyanom atitire no, na wɔbɛhyiaa wɔ Yerusalem.

3Na badwa no nyinaa ne ɔhene pamm wɔ Nyankopɔn fie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene, sɛdeɛ AWURADE aka no Dawid mma ho no.

4Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔba asɔrefie homeda no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmɛyɛ ɛpono ano ahwɛfoɔ;

5na nkyɛmu baako ntena ɔhene fie, na nkyɛmu baako nso ntena nnyinasoɔ pono no ano, na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fie abannwa no so.

6Na obiara nnhyɛne AWURADE fie gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛne mu, ɛfiri sɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahyɛdeɛ no.

7Na Lewifoɔ no ntwa ɔhene ho nhyia, wɔn akodeɛ nkurakura wɔn nsam. Na deɛ ɔhyɛne efie hɔ no, wɔnku no. Na wɔntena ɔhene no ho n’adifire ne ne muba mu.

8Na Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefie homeda, ne wɔn a wɔrepɔn adwuma homeda no bae, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma wɔn a wɔrepɔn no ampɔn.

9Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne nkumaa a ɛwowɔ Nyankopɔn fie no memaa ɔha ha so asafohene no.

10Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wɔn akodeɛ kurakura wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no nifa ntweaso kɔsi ɛdan no benkum ntweaso, afɔrebukyia no ne ɛdan no ho twaa ɔhene no ho hyiae.

11Na wɔyii ɔhene ba no firii adi, na wɔde ahemmotire no hyɛɛ ne ti, na wɔde adanseɛ no maa no, na wɔsii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no ngo, na wɔkaa sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

Wɔkum Atalia

12Ɛnna Atalia tee ɔman a wɔretu mmirika na wɔreyi ɔhene ayɛ no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie,

13na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina n’agyinaeɛ aboboano, asafohene ne ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛne ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ no de nsankuo bɔɔ ayeyie nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: Atirisopam, atirisopam!

14Na Yehoiada yii ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfiri nkɔ nkyerɛpɛn no mu, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, wɔnku no nkrantɛ ano. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Monnku no wɔ AWURADE fie.

15Na wɔsɔɔ ne mu de no kɔɔ apɔnkɔ pono ano, ahemfie, na wɔkumm no wɔ hɔ.

Wɔgu Baal som

16 2 Be 15.12 Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man.

17Na ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii gui, na n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubui, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkumm no afɔrebukyia no anim.

182 Be 29.30 Na Yehoiada siesiee AWURADE fie hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fie so, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na wɔnyɛ no anigyeɛ ne nnwontoɔ mu sɛ Dawid hyehyɛɛ no no.

19Nanso ɔde apono ano ahwɛfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie apono no ano, na deɛ ne ho nte biara, anhyɛne mu.

20Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne aberempɔn no ne ɔman no sodifoɔ ne asase no sofoɔ nyinaa, na ɔde ɔhene no firii AWURADE fie sianee, na wɔbaa ɔhene fie pono a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahennie adwa no so.

21Na asase no sofoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe. Na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help