2 Berɛsosɛm 18 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Odiyifoɔ Mikaia bɔ Ahab kɔkɔ(1 Ahemfo 22.1-28)

1 1 Ah 22 Na Yehosafat nyaa ahodeɛ ne animuonyam bebree. Na ɔne Ahab bɔɔ nseɛ.

2Na mfeɛ bi akyiri no, ɔsiane kɔɔ Ahab nkyɛn Samaria, na Ahab kunkumm nnwan ne anantwie bebree maa no ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na ɔgyegyee no sɛ ɔmforo nkɔ Ramot-gilead.

3Na Israelhene Ahab bisaa Yudahene Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no.

4 2 Ah 3.11 Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mesrɛ wo, kɔbisa AWURADE ansa.

5Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifoɔ no ano hyiaeɛ, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko, anaasɛ mennyae? Na wɔse: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa.

6Na Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio, na yɛnkɔbisa ne hɔ adeɛ?

7Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako da so wɔ hɔ a anka yɛbɛkɔ ne nkyɛn akɔbisa AWURADE hɔ adeɛ, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnka me ho asɛm pa biara, na daa, bɔne na ɔka. Ɔno ne Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.

8Ɛnna Israel hene no frɛɛ opiani bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia mmra ntɛm.

9Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn adwa so, hyehyɛ wɔn ntadeɛ, na wɔtete Samaria pono ano mpraeɛ so. Na adiyifoɔ no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim.

10Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛbobɔ Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn.

11Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Foro kɔ Ramot-gilead na kɔdi nim; na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

12Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nsɛm yɛ koro, na ɛyɛ ma ɔhene, na ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako asɛm, na ka asɛmpa.

13Na Mikaia se: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ me Nyankopɔn bɛka no, ɛno na mɛka.

Mikaia hyɛ nkoguo ho nkɔm

14Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ mennyae? Na ɔse: Monkɔ na monkɔdi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.

15Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm biara sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?

16Ɛnna ɔse: Mehunuu Israel nyinaa sɛ wɔapansam mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Na AWURADE se: Yeinom nni wuranom? Ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.

17Ɛnna Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa biara, na mmom bɔne?

18Na Mikaia se: Enti montie AWURADE asɛm. Mehunuu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.

19Na AWURADE se: Hwan na ɔbɛdaadaa Israelhene Ahab, na waforo akɔtua Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi nso kaa sɛɛ.

20Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode deɛn?

21Na ɔse: Mɛfiri akɔyɛ honhom torofoɔ n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no, na wobɛtumi nso, firi kɔ na kɔyɛ saa.

22Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na AWURADE aka wo ho bɔne.

23 2 Be 18.10 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe piniiɛ bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn bɛkasa kyerɛɛ woɔ yi?

24Na Mikaia se: Hwɛ, ɛda a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta na wobɛhunu.

25Na Israel hene no kaa sɛ: Momfa Mikaia nsane nkɔ kuro no safohene Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

262 Be 16.10 na monka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni, ne ahohiahia nsuo nnom nkɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.

27Na Mikaia se: Sane deɛ, wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!

Ahab wuo(1 Ahemfo 22.29-35)

28Na Israel hene no ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

29Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ dɔm no mu, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.

30Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene sɛ: Mone akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko gye Israel hene no nko ara.

31Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Israel hene no nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu; na AWURADE boaa no, na Onyankopɔn danee wɔn firii ne ho.

32Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene no ne no no, wɔsane firii n’akyi.

33Na ɔbarima bi twee ne tadua mu, mpofirim so, na ɔto wuraa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane w’ani na fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira.

34Na ɔko no mu yɛɛ den da no, na Israel hene no kura ne teaseɛnam mu gyina mu Siriafoɔ anim ara kɔsii anwummerɛ. Na owia kɔtɔeɛ no, ɔwui.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help