Nyansa 17 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ehu ba Misraimfoɔ so Anadwo

1W’atemmuo yɛ kɛseɛ na ne nkyerɛkyerɛmu yɛ den;

saa nti akra a wɔnnim de no afom kwan.

2Na ɛberɛ a mmaratofoɔ susuu sɛ ɔman kronkron no hyɛ wɔn tumi ase no,

wɔn ara bɛyɛɛ esum mu nnomumfoɔ ne anadwo tentene nneduafoɔ,

wɔaka wɔn ahyɛ wɔn suhyɛ ase, na wɔapamo wɔn afiri mmerɛ santen banbɔ ho.

3Ɛberɛ a wɔdwenee sɛ obiara nhunuu wɔn bɔne a wɔreyɛ hunta no

na awerɛfire twamtam a ɛyɛ sum no akyi,

wɔbɔɔ wɔn hwetee maa ehu kɛseɛ kaa wɔn,

na deɛ ɛyɛ hu yii wɔn hu.

4Na pia dan a wɔkɔhuntaa mu no antumi anyi wɔn hu no amfiri hɔ,

na mmom dede a ɛyɛ akomatuo gyegyee wɔn ho hyiae,

na abɔdeɛ huhuuhu bi a wɔn anim yɛ bosaa yiyii wɔn ho kyerɛe.

5Na egya biara nni tumi sɛ ɛbɛma wɔanya kanea,

anaa nso nsoromma a ɛhyerɛn kɛseɛ no

antumi anhyerɛn anadwo sum kabii no mu.

6Biribiara anhyerɛn amma wɔn

gye sɛ egya huhu bi a ɛno ara redɛre,

na ahopopoɔ mu wɔdwenee sɛ nnoɔma a wɔhunuiɛ no

yɛ adeɛ a ɛnyɛ koraa sene deɛ wɔhunu biara.

7Wɔn nkonyaa a nnoɔma a ɛyɛ nnaadaa no abrɛ ase,

na wɔn nyansa a wɔde hoahoa wɔn ho no wɔbɛsopa no atweetwee mu.

8Ɛfiri sɛ wɔn a na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛyi suro ne sakasakayɛ afiri ɔkra a ɔyareɛ mu no,

suro a ɛyɛ sere bɔɔ wɔn ara ankasa yareɛ.

9Na sɛ mpo biribi a ɛyɛ ateetee ntumi mmɔ wɔn hu a,

na afei mmoa akɔneaba ne awɔ su bɔ wɔn hu ma

10wɔwu wɔ ahopopoɔ suro mu,

na wɔampɛ sɛ wɔbɛma wɔn tiri so ahwɛ wiem, nso na wɔgyaa yɛ a ɛntumi nyɛ yie.

11Ɛfiri sɛ amumuyɛ yɛ ehu adeɛ, a n’ankasa di adanseɛ tia ne ho;

na ne tiboa ha no nti, da biara ɔbu n’ahokyere sɛ ɛboro so.

12Na ehu nyɛ hwee, sɛ ɛbɛma mmoa a ɛfiri adwene mu ba no bɛgyae;

13ne anidasoɔ, a ɛde adi nkoguo wɔ emu mmerɛyɛ yi mu no,

pene nim a ɛnnim adeɛ a ɛde ateeteeɛ no ba no so.

14Nanso anadwo mu nyinaa, na ampa ara tumi biara nni mu,

na ɛfiri Asamando a tumi biara nni mu no baa wɔn soɔ,

na wɔn nyinaa daa nna korɔ,

15na seesei ahudeɛ kokroko bi retaataa wɔn,

na afei wɔn kra ahodwo a wɔntumi nyɛ wɔn ho hwee;

na mpofirim suro a wɔn ani nna soɔ abɛbunkam afa wɔn so.

16Na obiara a ɔwɔ hɔ no twa hwee fam,

na ɛno nti wɔde no too afiase a wɔamfa dadeɛ anyɛ;

17na sɛ wɔyɛ akuafoɔ anaasɛ wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ

anaa adwumayɛfoɔ a wɔyɛ adwuma wɔ ɛserɛ so,

wɔkyeree wɔn, na wɔhunuu amaneɛ a wɔntumi nnye wɔn ho;

ɛfiri sɛ wɔde esum nkɔnsɔnkɔnsɔn baako na ɛkyekyeree wɔn nyinaa.

18Sɛ mframa ɛrebɔ dendeenden,

anaa nnomaa su dɛdɛ a ɛfiri nnua mman a atrɛtrɛ mu,

anaa nsuo a ɛrebu fa so nnyegyeeɛ,

19anaa abotan a wɔapaepae a ɛyɛ dede firi soro bɛhwe fam,

anaa mmoadoma a wɔrebu fa so di atrantwie nanso obi nnim faako a wɔn ani kyerɛ,

anaa wiram mmoa akɛseɛ su,

anaa nnyesoɔ a ɛfiri abɔn a ɛdeda mmepɔ mu san ba no,

ho suro maa wɔbotoe.

20Ɛfiri sɛ kanea hyerɛnhyerɛn gyegyee wiase nyinaa,

na ɛdii dwuma a biribiara ansi no kwan,

21ɛberɛ ko a saa nkurɔfoɔ no deɛ, anadwo sum kabii kataa wɔn soɔ,

esum no suban a wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkɔ mu no;

nanso deɛ na ɛsɔ kyɛn esum no koraa ne sɛdeɛ na wɔn ara ayɛ adesoa ama wɔn ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help