Yesaia 41 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn di wiase so

1Mpoano aman, mommua mo ano ntie me,

na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ.

Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa,

momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ.

2 Yes 41.25; 44.28; 45.1, 13; 46.11; 48.14-15 Hwan na ɔnyane deɛ ɔfiri apueeɛ no

a tenenee hyia no baabiara a ɔnam?

Ɔde amanaman gu n’anim,

na ɔde ahemfo hyɛ n’ase.

N’afena ma wɔyɛ sɛ mfuturo,

ne tadua yɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a ɛbɔ guo;

3ɔti wɔn na ɔtwam sɔnn,

ɔkwan a ne nan nsii so da so.

4 Yes 44.6; 48.12; Adi 1.8; 11.17 Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ,

na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ?

Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ,

na awieeɛ nso, mene ɔno ara.

5Nsuano aman hunui, na wɔsuroe,

asase awieeɛ ho popoe;

wɔpinkyɛe na wɔbae.

6Oyi boa ne yɔnko,

na oyi ka kyerɛ ne nua sɛ: Hyɛ wo ho den!

7Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ den,

deɛ ɔde saeɛ tonomtonom ho yɛ deɛ ɔbɔ tommoɔ soɔ saa ara,

ɔka wɔ ɛsɔ no ho sɛ: Ayɛ yie,

na ɔde nnadewa bobɔ mu na antu.

Onyankopɔn bɔ Israel ho ban

8 Yes 43.10; 42.19; 44.1, 21; 45.4; 42.1; Yak 2.23 Na wo, m’akoa Israel,

Yakob a mayi no,

me dɔfo Abraham asefoɔ!

9Wo a masɔ wo mu afiri asase ano

na mafrɛ wo afiri n’ahyeɛ so aba,

na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo,

mayi wo, na merento wo mentwene!

10 Yes 43.1 Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ,

mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn.

Mehyɛ wo den, nso meboa wo,

nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.

11Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu woɔ nyinaa

ani bɛwu na wɔasopa,

na nnipa a wɔne wo anya no

bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera.

12Wɔn a wɔne wo ham no, wobɛhwehwɛ wɔn,

nanso worenhu wɔn;

na wɔn a wɔne wo di ako no

bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa.

13Na me, AWURADE wo Nyankopɔn,

mekura wo nifa mu;

me na mese wo sɛ: Nsuro,

me ara mɛboa wo!

14 Yes 43.3 Nsuro, aboawa Yakob,

ne mo Israel mma!

Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ,

na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.

15Hwɛ, mede wo bɛyɛ ɔporeɛ afidie

nnamnnam, foforɔ, anofanu,

na woapore mmepɔ ayam wɔn dukuduku,

na woayɛ nkokoɔ sɛ ntɛtɛ.

16Wobɛhu wɔn so, na mframa asoa akɔ,

na ahum abɔ apete.

Na wo deɛ, wobɛdi AWURADE mu ahurisie

de Israel Kronkronni no ahyehyɛ wo ho.

17Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo

a ebi nni hɔ na

sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no,

me, AWURADE mɛgye wɔn so,

me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.

18 Yes 35.1, 7; 43.20 Mɛtue mpampa pradaa so nsuwansuwa

ne mmonhwa mu nsuo aniwa;

mede serɛ so mɛyɛ tadeɛ,

na mede asase pɛsɛɛ mayɛ asutire;

19mɛma ntweneduro,

okuo, ohwamma ne ngo nnua aba ɛserɛ so;

mɛma pepeaa, asɛsɛ ne kwabɔhorɔ

abom asisi anwea pradada so,

20na nnipa ahunu, ate aseɛ,

de asie akoma mu na wɔadwene ho prɛko sɛ:

AWURADE nsa na ɛyɛɛ yei,

na Israel Kronkronni no na ɔbɔeɛ.

AWURADE ne nkɔmhyɛ Nyankopɔn

21Momfa mo asɛm mmra, AWURADE na ɔseɛ,

mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ɔseɛ.

22 Yes 43.8-9; 44.7 Wɔmfa mpinkyɛ mmɛkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba.

Monkyerɛ yɛn akane nnoɔma no sɛdeɛ ɛteɛ,

na yɛnnwene ho nhunu n’awieeɛ,

anaa deɛ ɛbɛba no, momma yɛnte.

23Monka deɛ ɛbɛba daakye no nkyerɛ yɛn

na yɛnhunu sɛ anyame ne mo;

aane, monyɛ papa anaa bɔne,

na yɛn ho nnwiri yɛn na yɛnsuro.

24Hwɛ, monyɛ hwee,

na mo nneyɛɛ yɛ adehuhuo; akyiwadeɛ ne deɛ ɔfa mo.

25Mahwanyan obi afiri atifi fam ama no aba,

awiapuebea na ɔbɛfiri abɔ me din;

na ɔbɛba amradofoɔ so sɛ anwommoɔ so,

na ɔte sɛ ɔnwomfoɔ a ɔwɔ dɔteɛ.

26Hwan na ɔfiri mfitiaseɛ kaeɛ, na anka yɛnhunu,

anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafoɔ?

Ampa, deɛ ɔkaeɛ nni hɔ, deɛ ɔmaa wɔteeɛ nni hɔ,

deɛ ɔtee mo nsɛm nni hɔ.

27 Mat 23.34 Me na medii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, wɔn nie:

Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafoɔ.

28Na mehwɛeɛ, na obiara nni hɔ,

na wɔn mu nso, ɔfotufoɔ nni hɔ

a mebisa a, anka ɔbɛbua me.

29 Dwom 96.5 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa,

wɔn nneyɛɛ nyɛ hwee;

wɔn guo ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help