Mmebusɛm 21 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn kyerɛ akoma kwan

1 Dwom 33.14 Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam,

baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.

2 Mmb 16.2; 24.12 Onipa kwan biara tene n’ani so,

nanso akoma karifoɔ ne AWURADE.

3 1 Sa 15.22; Yes 1.11-18; Hos 6.6 Asɛnteneneedie ne atɛntenenee

sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.

4 Yes 2.11 Ani a ɛtra ntɔn ne akoma a ɛhoran,

mekyerɛ, abɔnefoɔ kwan no deɛ, ɛyɛ bɔne.

5 Mmb 22.29 Nsiyɛfoɔ adwene de adedodoɔ ara na ɛba,

na obiara a ɔpere ho no, ɛde kɔ ohia nko mu.

6 Mmb 10.2 Ademudeɛ a wɔde atorɔ tɛkyerɛma anya yɛ ahuhuo a ahu korɔ;

wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owuo.

7Abɔnefoɔ akakabensɛm de wɔn kɔ,

ɛfiri sɛ wɔpo atemmuo.

8Ɔbarima a ɛso da ne soɔ kwan kyea,

na deɛ ne ho teɛ adwuma yɛ tee.

9 Mmb 21.19; 25.24 Ɛdan atifi kokoam tena yɛ

sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu.

10Ɔbɔnefoɔ kra kɔn dɔ bɔne,

ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so.

11 Mmb 19.25 Sɛ wɔtea fɛdifoɔ a, atetekwaa hunu nyansa,

na onyansafoɔ yiedie mu na ɔnya nimdeɛ.

12Ɔteneneeni gyene n’ani hwɛ abɔnefoɔ fie,

sɛdeɛ wɔka abɔnefoɔ guo sɛe wɔn.

13Deɛ ɔsi n’aso firi mmɔborɔfoɔ su ho no,

ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.

14 1 Sa 25.18 Kokoam adekyɛ pata abufuo,

na kokom adanmudeɛ dwodwo abufuhyeɛ.

15Ɛyɛ ɔteneneeni anigyeɛ sɛ ɔbɛdi asɛntenenee,

na ɛyɛ hu ma amumuyɛfoɔ.

16Onipa a ɔfom firi nimdeɛ kwan soɔ no

bɛtena nsamanfoɔ asafo mu.

17 Mmb 23.21 Deɛ ɔdɔ anigyeɛ bɛdi hia,

deɛ ɔdɔ nsa ne ngo rennya adeɛ.

18 Mmb 11.8 Ɔbɔnefoɔ bɛyɛ ɔteneneeni agyedeɛ,

na nkontomponi bɛsi teefoɔ ananmu.

19 Mmb 21.9 Anwea pradada asase so tena yɛ

sene ɛyerɛ nwiinwiifoɔ a ne bo nnwo no nkyɛn tena.

20Ademudeɛ a ɛsom boɔ ne ngo wɔ onyansafoɔ tenabea,

na ɔkwasea deɛ, ɔsɛe no.

21Deɛ ɔdi tenenee ne adɔeɛ akyire no,

ɔbɛnya nkwa, tenenee ne animuonyam.

22 Mmb 24.5 Onyansafoɔ foro nnɔmmarima kuro,

na ɔsum ahoɔden a wɔde wɔn ho too soɔ no twene.

23 Mmb 13.3 Deɛ ɔkora n’ano ne ne tɛkyerɛma no,

ɔkora ne kra firi ahohia mu.

24Ɔhantanni a wahuhuro, ne din de ɔfɛdifoɔ,

ɔdi n’asɛm ahantan ntrasoɔ mu.

25 Mmb 13.4 Ɔkwadwofoɔ akɔnnɔ ku no,

ɛfiri sɛ ne nsa nsɔ adeɛ mu.

26Obi wɔ hɔ a n’ani bere adeɛ kɔkɔɔkɔ daa nyinaa,

na ɔteneneeni deɛ, ɔma na ɔnnodo ho.

27 Mmb 15.8 Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ,

na nkantom sɛ ɔde bɛfa adwemmɔne mu aba.

28 Mmb 19.5, 9 Adansefoɔ atorofoɔ bɛyera,

na onipa a ɔtie asɛm, ɔkasa daa.

29Onipa bɔnefoɔ kum n’anim,

na ɔteefoɔ deɛ, ɔtaataa n’akwan.

30 Dwom 33.10-11 Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ

a ɛne AWURADE bɛdi asie.

31 Dwom 33.17; Yes 31.1, 3 Wɔsiesie ɔpɔnkɔ ma ko da,

na nkonimdie deɛ, ɛwɔ AWURADE nsam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help