1 na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee!
7 Adi 4.7 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnan no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan no se: Bra!
8Hes 14.21; Yer 15.3 Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo, na Asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa afena ne ɛkɔm ne owuo ne asase so mmoa nkunkum wɔn.
9 Adi 8.5; 14.18; 16.7 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Nyankopɔn asɛm ne wɔn adanseɛ a wɔdiiɛ nti wɔakunkum wɔn no akra, afɔrebukyia no ase.
10Gye 4.10; Adi 18.10 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade Tumfoɔ, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafoɔ, woremmu atɛn, na worentɔ wɔn a wɔte asase soɔ no yɛn mogya so were kɔsi da bɛn?
11Adi 3.4-5; 7.9; 7.13-14 Na wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome berɛ tiaa bi bio, nkɔsi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wɔbɛkum wɔn te sɛ wɔn no nso dodoɔ bɛso ano.
12 Yes 13.10; Yoel 2.30-31; Luk 21.25 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano no, mehunuu asasewosoɔ kɛseɛ, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane danee sɛ mogya.
13Yes 34.4 Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu guo.
14Na ɔsoro yeraeɛ sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ nyinaa tutu fifirii deɛ na ɛwowɔ.
15Yes 2.10; 2.19 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa huntahuntaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu.
16Luk 23.30 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahennwa no soɔ no ne adwammaa no abufuo ho,
17Rom 2.5 ɛfiri sɛ n’abufuo da kɛseɛ no adu, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
