1 1 Be 25.1, 3 Mekaa sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yie,
na mamfa me tɛkyerɛma manyɛ bɔne.
Mede nnareka bɛsɔ m’ano,
sɛ ɔbɔnefoɔ wɔ m’anim yi.
2 Dwom 38.13 Medanee mum meyɛɛ komm,
memuaa m’ano, papa ho,
nanso me yea mu yɛɛ den.
3M’akoma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu,
meredwendwen no, na ogya no redɛre,
na mede me tɛkyerɛma mekasae.
4 Dwom 90.12; Hiob 14.5 AWURADE, ma menhunu m’awieeɛ
ne me nna kakra a wɔasusuo no.
Ma menhunu me kyɛre a mammɛkyɛre.
5 Dwom 90.5 Hwɛ, woayɛ me nna nsaama pɛ,
na me mfeɛ nyɛ hwee w’anim.
Ampa ara, onipa asi so sɛ deɛn ara a,
na ɔyɛ huruhuro ara kwa.
6 Skf 2.18, 21; Luk 12.18-20 Ampa ara, onipa biara nam sɛ sunsum kwa.
Ampa ara, wɔha wɔn ho huruhuro ho,
ɔhyɛ da so, na ɔnnim deɛ ɔbɛboa ano.
7Na afei, AWURADE,
ɛdeɛn na meretwɛn?
Wo so na m’ani da.
8Gye me firi me mmarato nyinaa mu,
mfa me mma, na ɔkwasea mmmɔ me ahohora.
9 2 Sa 16.10 Matɔre mum, memmue m’ano,
ɛfiri sɛ wo na woayɛ.
10Yi wo haw firi me so.
Wo nsa ano hweɛ rehye me.
11 Dwom 39.5 Sɛ wode amumuyɛ ho animka
twe onipa aso a,
woma n’ahoɔfɛ hye sɛdeɛ nweweboaa yɛ.
Ampa ara, nnipa nyinaa yɛ ahuruhuro.
12 Lew 25.23; Dwom 119.19; 1 Pe 2.11; Heb 11.13 AWURADE, tie me mpaebɔ,
na yɛ aso tie me sufrɛ.
Mmua w’ano me nisuo ho,
na meyɛ wo hɔhoɔ,
meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.
13 Hiob 10.20 Yi w’ani firi me so, na mente m’anim,
ansa na mafiri ha, na wɔanhu me bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
