1 Kol 3.20 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene.
2Eks 20.12 Di w’agya ne wo na ni! Yei ne mmara asɛm a ɛdi kan a bɔhyɛ wɔ mu,
3Deut 5.16 na awie wo yie, na wo nna aware asase so.
4Kol 3.21; Mmb 19.18; Deut 6.7; 6.20-25; Dwom 78.4 Na agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom monyɛne wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.
Nkoa5 Kol 3.22-25; Tito 2.9-10; 1 Pe 2.18 Nkoa, momfa suro ne ahopopoɔ ntie mo honam fam wuranom asɛm mfiri mo akoma mu, sɛdeɛ moyɛ ma Kristo,
6ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri akoma mu yɛ Nyankopɔn apɛdeɛ,
7na wɔde adwempa som sɛ wɔyɛ ma Awurade, na ɛnyɛ nnipa.
82 Ko 5.10 Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.
Awuranom9 Kol 4.1; 2 Be 19.7; Aso 10.34 Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateatea ase, ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ soro, na nnipa animhwɛ biara nni ne fam.
Honhom fam atamfoɔ10 1 Ko 16.13; 1 Yoh 2.14 Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.
112 Ko 10.4 Monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛeɛ adi asie,
12Yoh 14.30; Efe 2.2 ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.
Onyankopɔn Akodeɛ13Yei nti monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ne nyinaa wie a, moagyina hɔ.
14Luk 12.35; 1 Pe 1.13; 1 Te 5.8 Enti monnyina hɔ, momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,
15na momfa asomdwoeɛ asɛmpa no ho ahodasoɔ nhyehyɛ mo nan,
161 Pe 5.9; 1 Yoh 5.4 ne nyinaa akyiri no, monkura gyidie kyɛm a mode bɛtumi adum ɔbɔnefoɔ no bɛmma a ɛredɛre no nyinaa,
171 Te 5.8 na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne honhom nkrantɛ a ɛne Nyankopɔn asɛm,
18Mat 26.41 na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,
19Kol 4.3; 2 Te 3.1; Aso 4.29 ɛne me nso, sɛ, mebue m’ano a, wɔmma me asɛm a menka, na memfa nnam menyi asɛmpa no ahuntasɛm menkyerɛ.
202 Ko 5.20 Ɛno ho bɔfoɔ na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.
Nkradie21 Aso 20.4; 2 Ti 4.12 Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛdeɛ meteɛ no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafoɔ Tihiko bɛma moahunu ne nyinaa.
22Kol 4.7-8 Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ, na wahyɛ mo akoma den.
23Asomdwoeɛ ne ɔdɔ ne gyidie nso a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.
24Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho nte kyema dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.