1 Dwom 99.6; Hes 14.14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!
2Yer 43.11; Sak 11.9 Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie:
Deɛ ɔsɛ wuo no, nkɔ wuo mu,
na deɛ ɔsɛ afena ano no, nkɔ afena ano,
na deɛ ɔsɛ ɛkɔm no, nkɔ ɛkɔm mu,
na deɛ ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.
3 Hes 14.21 Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.
42 Ah 21.11-16; 23.26 Na mɛma wɔadwane wɔn ho, asase so ahennie nyinaa mu, Yudahene Manase a ɔyɛ Hesekia ba, ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Yerusalem no nti.
Ɔsa mu amanehunu5Na hwan na ɔbɛhu wo mmɔbɔ, Yerusalem?
Na hwan na ɔbɛma wo due?
Na hwan na ɔbɛmane
akɔbisa deɛ w’asomdwoeɛ no wɔ?
6Woapa me, AWURADE asɛm nie,
na wo nsaneakyire no kɔ so ara;
enti na metenee me nsa wo soɔ, na mesɛee woɔ.
Mabrɛ ne mmɔborɔhunu.
7 Mat 3.12 Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so,
asase no mmoboano,
makunkum wɔn mma, masɛe me man
a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no.
8Mama wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea,
mede ɔsɛefoɔ maba
mmeranteɛ no so awia ketee,
mama binimbɔ ne nketenkete
agu wɔn so mpofirim;
9 Amos 8.9 ɔbaa a wawo nson ahodwo,
watɔ piti;
adeɛ nnya nsaeɛ no, na n’awia atɔ,
n’ani awu na n’anim agu ase;
na mɛyi wɔn nkaeɛ mama afena,
wɔn atamfoɔ anim,
AWURADE asɛm nie.
Odiyifoɔ no abooboo10 Yer 20.14 Mennue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham, yiyi atɛn. Memfɛm nnyee mfɛntomu na obiara mfɛm me bi, nanso wɔn nyinaa dome me.
11AWURADE se: Ampa ara, mɛgye wo ama no ayɛ yie, ampa ara, mɛma ɔtamfoɔ abɛpa wo kyɛw, berɛ bɔne ne ahohiahia berɛ mu.
12Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bɛtumi abu dadeɛ a ɛfiri atifi fam anaa?
13Mɛma wɔafom mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ no mo asase no nyinaa soɔ no nyinaa nti;
14na mɛma mo ne mo atamfoɔ no asene akɔ asase bi a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ ogya bi asɔ m’abufuo mu a ɛbɛdɛre mo soɔ.
15Wo, AWURADE, wonim.
Kae me na bɛhwɛ me,
na tɔ were ma me, m’atifoɔ so;
wo bo a ɛkyɛre fuo no nti mfa me nkɔ;
hunu sɛ wo nti na mesoa ahohora.
16 Hes 3.1-3 Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane,
na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ
ne akomatɔyam,
na wɔde wo din ato me,
O AWURADE, asafo Nyankopɔn.
17Mantena aserefoɔ dwabɔ mu
manni ahurisie;
wo nsa nti, me nko na metenaeɛ,
ɛfiri sɛ wode abufuo ahyɛ me ma.
18 Yer 30.12 Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi,
na me kuro ayɛ nkudaa
a wɔsa a, ɛnsa yi?
Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ
a ɛnnyina ama me anaa?
19Enti sɛ AWURADE seɛ nie:
Sɛ wosane a, mede wo bɛsane aba;
na woabɛgyina m’anim;
na sɛ woka nyansasɛm daa a,
wobɛyɛ sɛ m’ano;
wɔn deɛ, wɔbɛdane aba wo nkyɛn,
na wo deɛ, worensane nkɔ wɔn nkyɛn.
20 Yer 1.18 Na mede wo bɛsi hɔ mama ɔman yi
sɛ kɔbere mfrafraeɛ fasuo denden,
na wɔne wo ko a,
wɔrentumi wo,
ɛfiri sɛ me na medi w’akyire
na magye wo na mayi wo,
AWURADE asɛm nie.
21Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam,
na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.