Deuteronomium 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Aboɔ apono no ho asɛm

1 Eks 34.1; 25.10 Saa berɛ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no na fa foro bra me nkyɛn bepɔ no so, na yɛ dua adaka;

2Eks 32.19 na mɛtwerɛ nsɛm a ɛwɔ kane apono a wobobɔeɛ no soɔ no mahyɛ apono no so, na fa sie adaka no mu.

3Na meyɛɛ okuo adaka, na mesenee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam.

4Deut 9.10 Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me.

5Na medanee me ho siane firii bepɔ no so, mede apono no mebɛsiee adaka a meyɛeɛ no mu, na ɛwɔ hɔ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no.

6 Num 33.32-33; 20.28 (Na Israelfoɔ tu firii Beerot-bene-yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no wɔ hɔ, na ne ba Eleasa sii n’ananmu dii sɔfoɔ.

7Ɛfiri hɔ na wɔtu kɔɔ Gudgod, na wɔfirii Gudgod kɔɔ Yotbat, asase a nsutene wɔ soɔ.

8Deut 18.5, 7; Num 6.23-27 Saa berɛ no na AWURADE yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wɔnnyina n’anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, a wɔayɛ de abɛduru nnɛ da yi.

9Enti na Lewi annya kyɛfa ne agyapadeɛ ne nuanom mu. AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.)

10 Deut 9.9 Na me deɛ, megyinaa bepɔ no so sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, na AWURADE tiee me saa berɛ no nso, na wampɛ sɛ ɔsɛe woɔ.

11Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔdi ɔman no anim ma wɔntu nkɔfa asase a mekaa wɔn nananom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.

AWURADE apɛdeɛ

12 Mika 6.8 Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom AWURADE wo Nyankopɔn,

13na woadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ, na asi wo yie.

14Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro yɛ AWURADE wo Nyankopɔn dea, asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

15Deut 7.6 Nanso wo nananom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wayi wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire a ɛne mo, afiri aman nyinaa mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

16Deut 30.6 Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.

17Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn, ne Awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛseɛ no, Otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnnye adanmudeɛ;

18ɔbu atɛn ma awisiaa ne okunafoɔ, na ɔdɔ ɔhɔhoɔ ma no aduane ne nkataho.

19Eks 22.21-24 Enti monnɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ moyɛɛ ahɔhoɔ Misraim asase so.

20AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.

21Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ.

22Gye 46.27; Deut 1.10 Akra aduɔson na wo nananom de siane kɔɔ Misraim, afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodoɔ sɛ ɔsoro nsoromma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help