1 Ahemfo 22 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ahab ne Yehosafat ko tia Siriafoɔ

1Na Siria ne Israel tenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa a ɔko bi nni wɔn ntam.

22 Be 18.2-34 Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no Yudahene Yehosafat siane baa Israel hene nkyɛn.

3Yos 21.38 Na Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ Ramot-gilead wɔ yɛn, na yɛn deɛ yɛte hɔ komm na yɛnnye mfiri Siriahene nsam?

42 Ah 3.7; 2 Be 19.2 Na ɔbisaa Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead sa anaa? Na Yehosafat buaa Israel hene no sɛ: Mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ.

5Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Bisa AWURADE asɛm nnɛ ɛ!

6Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano, wɔbɛyɛ mmarima ahanan, na ɔbisaa wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ mennyae? Na wɔkaa sɛ: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

72 Ah 3.11 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio a yɛbɛbisa ne hɔ adeɛ anaa?

8Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako bi da so wɔ hɔ a anka yɛbɛtumi abisa AWURADE afiri ne nkyɛn, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.

9Ɛnna Israel hene frɛɛ gyaaseni bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnuru ha ntɛm!

10Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ntadeɛ, Samaria pono ano mpraeɛ so, na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm wɔn anim.

11Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dadeɛ mmɛn na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛsum Siriafoɔ de kɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn sɛeɛ.

12Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Kɔ Ramot-gilead na kɔdi siadeɛ, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.

13Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa de ano korɔ ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako deɛ, na ka deɛ ɛyɛ!

14Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka.

Mikaia hyɛ nkoguo ho nkɔm

15Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yɛnnyae? Na ɔbuaa no sɛ: Kɔ na kɔdi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.

16Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?

17Na ɔse: Mahunu Israel nyinaa sɛ wɔahwete mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ, na AWURADE se: Yeinom nni wura, ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.

181 Ah 22.8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa biara, na mmom bɔne?

19Adi 5.11 Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.

20Na AWURADE kaa sɛ: Hwan na ɔbɛdaadaa Ahab na waforo akɔtɔ wɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi kaa sɛɛ.

21Yes 19.14 Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim kaa sɛ: Me na mɛdaadaa no.

22Yoh 8.44; Adi 16.14 Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.

23Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na AWURADE aka wo ho bɔne.

24Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe pini bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn kɔ kasa kyerɛɛ woɔ yi?

25Na Mikaia se: Hwɛ, da a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta no na wobɛhunu.

26Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Kyere Mikaia, na fa no kɔ kuro no so hwɛfoɔ Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

27na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni ne ahohiahia nsuo nnom kɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.

28Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!

Ahab wuo(2 Berɛsosɛm 18.28-34)

29Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

30Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ ɔko no ano, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ ko no ano.

31Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene aduasa mmienu no sɛ: Ma monne akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, gye Israel hene no nko.

32Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Ampa, Israel hene no nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu.

33Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene ne no no, wɔsane firii n’akyi.

342 Be 35.23 Na ɔbarima bi twee ne tadua mu anibiannasoɔ so, na ɔde saa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane wo ho fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira.

35Na ɔko no mu yɛɛ den da no. Na wɔkura ɔhene no mu maa no gyinaa teaseɛnam no mu Siriafoɔ no anim ara, na ɔwuu anwummerɛ. Na apirakuro no mu mogya sene guu teaseɛnam no mu.

36Na wɔpae faa nsraban no mu owiatɔ berɛ sɛ: Obiara nkɔ ne kurom ne n’asase so.

37Na ɔhene no wui, na wɔde no baa Samaria; na wɔsiee ɔhene no Samaria.

381 Ah 21.19; 2 Ah 9.25 Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria tareɛ mu, na akraman bɛtaferee ne mogya, na mmaa nnwamamfoɔ nso dwaree mu, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaeɛ no teɛ no.

39Na Ahab ho nsɛm nkaeɛ, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse dan a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyereeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa?

401 Ah 22.51 Na Ahab toaa n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Ahasia bɛdii n’adeɛ.

Yehosafat di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 20.31—21.1)

41 2 Be 20.31—21.1 Na Israelhene Ahab afe a ɛtɔ so nnan mu na Asa ba Yehosafat bɛdii Yuda so hene.

42Yehosafat bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.

431 Ah 15.14; 2 Ah 12.3 Na ɔfaa n’agya Asa kwan nyinaa so, wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyiyie, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea hɔ.

44Na asomdwoeɛ bɛdaa Yehosafat ne Israel hene ntam.

45 2 Be 17.1-19 Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ ne sɛdeɛ ɔdii ako no, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa?

461 Ah 15.12 Na mmarima nnwamamfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn n’agya Asa nna mu no, ɔhyee wɔn ase firii asase no so.

47Na ɔhene bi nni Edom; na ɔhene abadiakyire na na ɔhwɛ akyire sɛ ɔhene;

481 Ah 9.28 Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir na ɛnkɔpɛ sika kɔkɔɔ, nanso ankɔ, ɛfiri sɛ ahyɛn no bobɔe wɔ Esion-geber.

49Ɛno mu na Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ma me nkoa ne wo nkoa nkɔ ahyɛn no mu. Na Yehosafat ampene.

502 Ah 8.16 Na Yehosafat toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu; na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ.

Ahasia di Israel so hene

51 1 Ah 22.40 Ahab ba Ahasia bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunson mu, na ɔdii Israel so mfeɛ mmienu.

521 Ah 12.30 Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔfaa n’agya kwan so, ne ne na kwan so, ne Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no kwan so;

531 Ah 16.31-33 na ɔsomm Baal na ɔsɔree no, na ɔhuruu AWURADE, Israel Nyankopɔn bo, sɛdeɛ n’agya yɛeɛ no ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help