1Na mese:
Montie ɛ, Yakob atitire
ne Israel fie atemmufoɔ,
ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?
2Mo na motane papa na modɔ bɔne,
modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho,
ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho,
3 Dwom 14.4 na mo na moadi me man nam,
na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho,
na moabubu wɔn nnompe mu,
na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ,
ne ɛsɛn mu nam.
4Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE,
nanso ɔremmua wɔn,
na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu,
sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.
5Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ
a wɔdaadaa me man
na wɔde wɔn se ka
na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ!
na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no,
wɔkyere ne so sa no.
6Saa nti adeɛ bɛsa mo, mo anisoadehunu ho,
na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho,
na owia bɛtɔ adiyifoɔ no so,
na adekyeeɛ adane wɔn so sum kabii;
7na adehunufoɔ no ani bɛwuwu,
na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam,
na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano,
ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ.
8 Yes 58.1 Na me deɛ, AWURADE honhom
mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ
ahyɛ me ma,
sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato,
ne Israel ne bɔne.
9Montie yei ɛ, Yakob fie atitire
ne Israel fie atemmufoɔ,
mo a mokyiri atemmuo
na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,
10 Hab 2.12 mo a mokyekyere Sion, mogyahwieguo mu
ne Yerusalem, akontonkyideɛ mu.
11 Yer 7.4 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,
na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ,
na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm,
na wɔtwere AWURADE ka sɛ:
Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi?
Bɔne biara remma yɛn so.
12 Yer 9.10; 26.18 Saa nti, mo nti
wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo,
na Yerusalem adane aboɔ akuakuo,
na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
