Mika 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nnipa pa nnɔɔso

1Mennue, na mayɛ

sɛ nnuabateɛ,

sɛ bobe aba mpɛpɛdie,

bobe esia a mɛdie,

borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.

2 Dwom 12.1 Nnipa pa ayera afiri asase so;

teefoɔ nni nnipa mu,

wɔn nyinaa tetɛ mogya,

wɔsunsum wɔn nuanom fidie.

3Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie;

ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ,

na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm,

sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.

4Wɔn mu nipa pa te sɛ hwerɛmo,

wɔn mu teefoɔ sene nkasɛɛ ban.

W’awɛmfoɔ da no, w’asotwe no reba,

ɛno na wɔn sakasakayɛ bɛduro.

5Monnnye adamfoɔ nnni,

mommfa mo ho nnto ɔyɔnkoɔ so;

ɔbaa a ɔda wo koko mu no,

ne ho na wɛn w’ano.

6 Yer 9.4-5; Mat 10.35-36 Na ɔbabanin bu n’agya ɔsesani,

ɔbabaa sɔre tia ne na,

aseɛ sɔre tia n’ase,

onipa fiefoɔ yɛ n’atamfo.

Anidasoɔ ne adesrɛ

7Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan,

mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.

Me Nyankopɔn bɛtie me.

8 Oba 12 Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho;

na mahwe ase a, mɛsɔre;

na mete sum mu a,

AWURADE ne me hann.

9 Yer 14.7 Mɛsoa AWURADE abufuhyeɛ no,

ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne,

de akɔsi sɛ ɔbɛham me ham ama me,

na wabu atɛn ama me;

ɔbɛyi me afiri aba hann mu;

mɛhwɛ ne tenenee no.

10 Dwom 79.10 Na me tamfo bɛhunu,

na aniwuo abɛkata ne so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ:

Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ?

Mede m’ani bɛhwɛ no,

afei wɔbɛtiatia ne so

sɛ mmorɔno so dɔteɛ.

11Ɛda a wɔbɛto wo fasuo no reba;

ɛda no so na w’ahyeɛ bɛkɔ akyirikyirie.

12Ɛda no na wɔbɛfiri

Asiria ne Misraim nkuro mu aba wo nkyɛn,

na wɔbɛfiri Misraim akɔsi asuo no ano,

afiri po akɔsi po, afiri bepɔ no akɔsi bepɔ aba.

13Na asase no bɛdane amamfo,

ɛsofoɔ no nti,

wɔn nneyɛɛ so aba no nti.

14 Mika 5.4; Num 23.9 Fa wo poma yɛne wo man,

w’agyapadeɛ nnwan

a wɔn nko ara te kwaeɛm,

Karmel atifi no.

Ma wɔnnidi Basan ne Gilead

sɛ tete nna no mu.

15Mɛma wɔahunu anwanwadeɛ

sɛ nna a wɔfirii Misraim asase so baeɛ no.

16 Hiob 21.5 Amanaman bɛhunu, na wɔn ani awuwu wɔn mmaninneɛ nyinaa ho;

wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano,

na wɔn aso nso bɛsisi.

17 Yes 49.23 Wɔbɛtafere mfuturo sɛ ɔwɔ,

sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho fam,

wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn huntabea aba;

wɔde suro bɛbɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn,

na wɔasuro w’anim.

Nyankopɔn adom mu ahotosoɔ

18 Dwom 103.3, 8-13 Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ

na wosiane mmarato ho

ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no?

Worensɔ w’abufuo mu daa,

na adɔeɛ mmom na wopɛ;

19yɛn ho na wobɛsane ama ne yam ahyehye wo,

wobɛpepa yɛn amumuyɛ.

Na wobɛto wɔn bɔne nyinaa

agu ɛpo bunu mu.

20 Gye 22.16-18; 28.13-15; Luk 1.73 Fa nokorɛ kyerɛ Yakob,

yi adɔeɛ kyerɛ Abraham,

sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam

firi tete nteredee nna mu no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help