1
10Ɔmaa afahyɛ ahodoɔ no yɛɛ fɛ,
na ɔhyehyɛɛ ɛberɛ maa wɔn wɔ afe mu no nyinaa mu,
na wɔgu so reyi Onyankopɔn din kronkron ayɛ no,
na kronkronbea hɔ dede no hyɛɛ aseɛ firii anɔpa.
11Awurade yii ne bɔne no firii hɔ,
na ɔpagyaa ne tumi no daa;
ɔmaa no ahennie apam
ne animuonyam ahennwa wɔ Israel.
Salomo12Ɔno n’akyi na ɔba nyansani bi baeɛ,
na ɛsiane ne nti, ɔba no tenaa ahotɔ mu:
13Salomo dii adeɛ wɔ asomdwoeɛ berɛ mu,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa n’ahyeɛ so nyinaa yɛɛ dwoodwoo,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsi ɛdan wɔ ne din mu
na wama no kronkronbea a ɛbɛsi hɔ afebɔɔ.
14Hwɛ onyansafoɔ a na woyɛ ɛberɛ a na wosua no!
Wode nteaseɛ yirii sɛ Nil.
15Wo tumi trɛɛ faa asase no so nyinaa,
na wode mmebuo a emu nteaseɛ dɔ hyɛɛ so ma.
16Wo din hyetaa nsupɔ a ɛwowɔ akyiri nyinaa so,
na wɔdɔɔ wo ɛsiane w’asomdwoeɛ ahennie ho nti.
17Wo nnwom, wo mmebusɛm ne wo kasatɔmmɛ,
ne mmuaeɛ a womaeɛ no yɛɛ aman no nwanwa.
18 1 Ah 10.21, 27 Wɔ Awurade Nyankopɔn din mu,
ɔno a wɔfrɛ no Israel Nyankopɔn no,
woboaboaa sika ano sɛ sanya
na wonyaa dwetɛ sɛ sumpii.
191 Ah 11.1 Nanso wode mmaa bae bɛdaa wo nkyɛn,
na ɛnam wo honam so, ɛmaa wɔhyɛɛ wo so.
20Wode nkekaeɛ baa w’animuonyam mu,
na woguu w’abusua ho fi,
na ɛno nti wode abufuhyeɛ baa wo mma so,
na wɔn werɛ hoo wɔ wo nkwaseadeɛ ho,
21ɛfiri sɛ mpaepaemu baa wɔn ahennie mu,
na atuateɛ ahennie sɔre firii Efraim mu bae.
22Nanso Awurade rennyae n’ahummɔborɔ ara da,
anaasɛ wamma ne nnwuma no mu biara anyera;
ɔrempepa deɛ wayi no n’asefoɔ mu mfiri hɔ,
anaasɛ ɔbɛsɛe deɛ ɔdɔ no abusua.
Saa nti, ɔmaa Yakob nyaa nkaefoɔ,
na ɔmaa Dawid nyaa nhini bi firi ɔno ara n’abusua mu.
Rehoboam ne Yeroboam23Salomo kɔɔ ne nsumankyire
na ɔgyaa ne mmabarima mu baako wɔ n’akyi,
nkwaseadeɛ abu no so na ɔnni nteaseɛ,
Rehoboam a ne nhyehyɛɛ maa ɔmanfoɔ no tee atua no.
Ɛnna afei Nebat ba Yeroboam de Israel kɔɔ bɔne mu
na ɔde Efraim hyɛɛ bɔne akwan aseɛ.
24Wɔn bɔne kɔɔ so ara dɔɔso,
kɔsii sɛ wɔfaa wɔn dommum firii wɔn asase so.
25Ɛfiri sɛ wɔhwehwɛɛ amumuyɛ ahodoɔ akyiri kwan
kɔsii sɛ aweretɔ baa wɔn so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
