1Yei akyiri no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda.
2Na Hiob kaa sɛ:
3 Yer 20.14-18 Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera,
ne anadwo a ɛse:
Wɔanyinsɛn ɔbabanin no.
4Ɛda no nnuru sum,
mma Onyankopɔn mmfiri soro mmmisa akyire kwan,
na hann biara nnhyerɛn so.
5Esum ne sunsum nnye no,
mununkum ntena so,
deɛ ɛma adekyeeɛ duru sum nyi no hu.
6Anadwo no, esum kabii nkuta no,
wɔmmma no nnnya anigyeɛ biara afe nna no mu,
wɔmmma no mmma abosome dodoɔ no mu.
7Hwɛ, anadwo no nyɛ kwawee,
ahurisie dwom biara mma mu.
8Ma wɔn a wɔdome da no mmɔ no dua,
wɔn a wɔtumi hwanyan dɛnkyɛmmirampɔn mpo no.
9N’ahemadakye nsoromma bɛduru sum,
ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma,
na ɛrenhunu adekyeeɛ anisuatɛtɛ.
10Ɛfiri sɛ anto m’awoɔ apono mu,
na anyi ɔhaw anhunta m’ani.
11Adɛn nti na manwu yafunu mu,
na mannyaa mu, awoeɛ?
12Adɛn nti na anankoroma sɔɔ me,
na adɛn nti na metoo nufoɔ menumiiɛ?
13Anka sɛsɛɛ meda hɔ mayɛ komm,
anka mada, ɛno deɛ anka manya ahomegyeɛ,
14me ne ahemfo ne asase so afotufoɔ
a wɔkyekyeree amamfo faeɛ no,
15anaasɛ me ne mmapɔmma a wɔwɔ sika,
wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛɛ wɔn afie amaama no.
16Anaasɛ menni hɔ sɛ ɛpɔn ba a wɔakora no,
anaa nkɔkoaa a wɔanhunu hann da.
17Ɛhɔ na abɔnefoɔ nha obiara bio,
na abrɛfoɔ gye wɔn ahome.
18Ɛhɔ ara na nneduafoɔ te dwoodwoo,
wɔnte apiafoɔ nne.
19Ɛhɔ na onipa ketewa ne onipa kɛseɛ wɔ,
na akoa afiri ne wura nsa.
20Adɛn nti na ɔma mmɔborɔni hann,
na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra werɛ ahoɔ,
21 Adi 9.6 wɔn a wɔtwɛn owuo, na ɛmma,
na wɔbɔre hwehwɛ no sene akoradeɛ,
22wɔn a wɔn ani gye mmorosoɔ,
na wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ anka wɔbɛnya damena,
23 Hiob 19.8 ne ɔbarima a wɔde ne kwan ahunta,
na Onyankopɔn de ban atwa ne ho ahyia?
24Na m’apinisie abɛsi m’aduane ananmu,
na me su gu sɛ nsuo.
25Na deɛ mesuro no, ɛno ara na ɛto me,
na deɛ m’akoma tutu ho no, ɛba me so.
26Mennya ahodwoɔ ne kommyɛ ne ɔhome,
na ahodwan ara na ɛba.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
