Nnwom 128 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Efie ahotɔƆsoroforɔ dwom.

1Nhyira ne obiara a ɔsuro AWURADE,

na ɔfa n’akwan soɔ.

2Na wobɛdi wo nsa ano adwuma,

nhyira ne wo, na ɛbɛsi wo yie.

3 Dwom 127.3 Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛso, wo fie mpia mu,

wo mma yɛ sɛ ngodua

a wɔatetɛ atwa wo pono ho ahyia.

4Hwɛ, sɛdeɛ wɔhyira onipa a ɔsuro AWURADE nie.

5AWURADE mfiri Sion nhyira wo,

na hunu Yerusalem yiedie

wo nkwa nna nyinaa,

6 Dwom 125.5 aane, na hunu wo mma mma.

Asomdwoeɛ mmra Israel so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help