1Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni.
2Gye 22.21; Hiob 9.20; 13.18; 19.6-7; 27.2, 6; 31.35 Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ɔfiri Ram abusua mu bo fui. Hiob na ne bo fuu no, ɛfiri sɛ ɔbu ne ho teneneeni sene Onyankopɔn.
3Hiob 15.5; 18.21; 20.29; 22.5 Na ne bo fuu ne mfɛfoɔ baasa no nso, sɛ wɔnnya mmuaeɛ bi bio, nanso wɔbuu Hiob fɔ.
4Na Elihu twɛn maa Hiob kasae ansa, ɛfiri sɛ wɔsene no panin.
5Na Elihu hunuu sɛ mmuaeɛ biara nni mmarima baasa no anomu bio no, ne bo fui.
6Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba buaa sɛ:
Me deɛ, meyɛ abɔfra,
na mo deɛ moyɛ nkɔkoraa,
enti na metɔɔ me bo aseɛ,
na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim makyerɛ mo.
7 Hiob 12.12 Mekaa sɛ: Wɔmma onyinkyerɛ nkasa,
aane, na mfeɛ dodoɔ nkyerɛ nyansa.
8Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdasani mu
ne Otumfoɔ ahome na ɛma no nhunumu.
9Ɛnyɛ wɔn a wɔanyini pii na wɔnim nyansa,
na ɛnyɛ mpanin na wɔhunu atemmuo mu.
10Enti na mese: Montie me;
me nso mɛkyerɛ deɛ menim.
11Hwɛ, matwɛn ama mo akasa awie,
mayɛ aso mama mo nhunumusɛm,
sɛ mobɛhwehwɛ anya nsɛm.
12Na mewɛn m’aso sɛ meretie mo,
na hwɛ, obiara nni mo mu a n’asɛm tɔɔ Hiob aso mu,
na ɔtumi buaa ne nsɛm no.
13Na monnka sɛ: Yɛahunu nyansa;
Onyankopɔn na ɔnha no, na ɛnyɛ onipa.
14Ɛfiri sɛ ɛnyɛ me na ɔkaa ne nsɛm no kyerɛɛ me,
na me nso, meremfa mo nsɛm no memmua no.
15Wɔn abam abu, wɔremmua bio,
na wɔn anomu nsɛm nso asa.
16Na sɛ wɔnkasa bio, na wɔgyina hɔ,
na wɔmmua bio nti, mentwɛn anaa?
17Me nso mɛbua me fam deɛ,
me nso, mɛkyerɛ deɛ menim.
18Na nsɛm ahyɛ me ma,
na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me.
19Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wɔntuu ano,
sɛ nsa kotokuo foforɔ a ɛrepɛ apaeɛ.
20Mɛkasa, na manya ahomeyɛ;
mɛbue m’ano, na mabua.
21Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim,
na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,
22na mennim m’ano adɛfɛdɛfɛ,
anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfoɔ afa me akɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
