Asomafoɔ 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔhunu Yesu a wasɔreɛ no

1

6 Yesu sorokɔ

9 Mar 16.19; Luk 24.51 Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim.

10Luk 24.4 Na ɔrekorɔ na wɔrehwɛ soro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,

11Luk 21.27 na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi.

Asomafoɔ no hyia Yerusalem

12 Luk 24.50; 24.52-53 Ɛno na wɔfirii bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so sane kɔɔ Yerusalem.

13Luk 6.13-16 Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.

14Aso 2.1; Yoh 7.3 Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.

Petro asɛnka

15Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:

16Dwom 41.9 Anuanom, ɛtwa sɛ twerɛ no a Honhom Kronkron nam Dawid anomu nsɛm so kaa no akane no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfoɔ no ho.

17Na wɔkann no fraa yɛn, na ɔnyaa ɛsom yi kyɛfa bi somee.

18Mat 27.3-10 (Saa Yuda yi na ɔde n’amumuyɛ akatua nyaa asase, na ne nkɔnkɔ bɛwɔɔ hɔ no, ne mu paee, na ne yam adeɛ nyinaa tu gui;

19na wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa tee, na wɔfrɛɛ asase no wɔn ara wɔn kasa mu sɛ Hakeldama, aseɛ ne Mogya Asase.)

20Dwom 69.25; 109.8 Na wɔatwerɛ no Nnwom nwoma mu sɛ:

Ne tenaberɛ nyɛ amamfo,

na obiara nntena mu!

Na ne hwɛ adwuma no deɛ, ɔfoforɔ mfa!

21 Yoh 15.27 Enti ɛtwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nanteeɛ berɛ a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyemfire no nyinaa

22firi Yohane asubɔ so de bɛsi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ soro no mu baako ne yɛn yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.

Matia yie

23Na wɔde baanu bɛgyinaa hɔ, Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔtoo no Yusto no, ne Matia.

24Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: Wo, Awurade a wonim nnipa nyinaa akoma mu, kyerɛ baanu yi mu baako a woayi no

25sɛ ɔmfa ɛsom yi ne asomafodwuma a Yuda firii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ara tenaberɛ no kyɛfa no nsom!

26Mmb 16.33 Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkann no kaa asomafoɔ dubaako no ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help