Mmebusɛm 29 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nhyira ne ɔsɛeɛ

1 Mmb 15.10 Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no,

wɔbɛbu no mpofirim

a ano nni aduro.

2 Mmb 11.10 Ateneneefoɔ di tumi a, ɔman ani gye,

na ɔbɔnefoɔ di so a, ɔman si apini.

3 Luk 15.13 Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye,

na deɛ ɔne nnwamamfoɔ bɔ bɛsɛe n’adeɛ.

4 Yes 32.7 Ɔhene de atemmuo ma asase gyina,

na akyɛdepɛfoɔ bɔ no.

5Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no,

ɔsum n’anammɔn fidie.

6Onipa bɔne mmarato mu wɔ fidie,

na ɔteneneeni bɛto ahurisie dwom, na n’ani agye.

7Ɔteneneeni hunu mmɔborɔfoɔ asɛm di,

ɔbɔnefoɔ nhunu saa nimdeɛ no.

8Fɛdifoɔ sɔ kuro mu gya,

na anyansafoɔ sianka abufuo.

9 Mat 11.17 Ɔba nyansafoɔ ne ogyimifoɔ di apereɛ a,

ɔyɛ hoo oo, ɔsere oo, home nni mu.

10Mogyapɛfoɔ tane pɛyɛfoɔ,

na teefoɔ hwehwɛ ne kra agye no.

11 Mmb 25.28; 12.23 Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi,

na onyansafoɔ dwodwo no ma no ka akyi.

12Ɔpanin a ɔtie atorosɛm no,

n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefoɔ.

13Adekoro bi da nso wɔ ohiani ne opooboni ntɛm,

deɛ ɔte wɔn baanu nyinaa ani ne AWURADE.

14 Mmb 16.12 Ɔhene a ɔbu nokwatɛn ma mmɔborɔfoɔ no,

n’ahennwa bɛtim daa.

15 Mmb 29.17; 22.15 Abaa ne animka ma nyansa,

na abɔfra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.

16 Dwom 37.36 Abɔnefoɔ dɔɔso a, mmarato dɔɔso,

nanso ateneneefoɔ bɛhunu wɔn ahweaseɛ.

17 Mmb 23.13 Tenetene wo ba na wama woahome,

na wama wo kra anika.

18Anisoadehunu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa,

nanso deɛ ɔbu mmara no, nhyira ne no.

19Ɛnyɛ nsɛm na wɔde tea akoa,

ɛfiri sɛ ɔte aseɛ mpo a, ɔremmu.

20 Skf 5.2-3; Yak 1.19 Wohunu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a,

anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.

21Deɛ ɔkorɔkorɔ n’akoa firi ne mmɔfraase no,

akyire yi no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.

22 Mmb 15.18; 26.21 Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa,

na ɔbobɔnefoɔ mmarato dɔɔso.

23 Mat 23.12; 1 Pe 5.5 Onipa ahantan bɛbrɛ no ase,

na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.

24 Lew 5.1 Deɛ ɔne owifoɔ kyɛ adeɛ no tane ne kra,

ɔte duabɔ no nso ɔnka.

25Onipa ho suro sum fidie,

na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.

26Nnipa pii hwehwɛ ɔman sodifoɔ anim animuonyam,

nanso AWURADE na obiara atemmuo firi no.

27Ateneneefoɔ akyiwadeɛ ne busufoɔ,

na ɔbɔnefoɔ nso akyiwadeɛ ne deɛ ne kwan yɛ tee.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help