2 Berɛsosɛm 6 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Salomo kasa kyerɛ ɔman no(1 Ahemfo 8.12-21)

1 1 Ah 8.12-53 Ɛnna Salomo kaa sɛ: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena sum kusuu mu.

2Na me deɛ, masi tenabea mama wo, na masiesie baabi a wobɛtena hɔ daa.

3Na ɔhene danee n’ani hyiraa Israel badwa no nyinaa. Na Israel badwa no nyinaa gyina hɔ.

4Na ɔkaa sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu no sɛ:

5Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim asase so baeɛ yi, menyii Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro biara, sɛ wɔnsi dan na me din ntena hɔ, nanso menyii ɔbarima biara, sɛ ɔnni me man Israel so panin,

6na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.

72 Sa 7.2-13 Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi dan ama AWURADE, Israel Nyankopɔn din.

8Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Ɛsiane sɛ na ɛwɔ w’akomam sɛ anka wobɛsi dan ama me din nti, woyɛɛ no yie sɛ na ɛwɔ w’akoma mu.

9Nso ɛnyɛ wo na wobɛsi dan no, na wo ba a ɔfiri w’asene mu no, ɔno na ɔbɛsi dan ama me din.

10Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no aba mu, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, na mete Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi dan no mama AWURADE Israel Nyankopɔn din,

11na mede adaka a AWURADE apam a ɔne Israel mma pameeɛ no wɔ mu no masi hɔ.

12Na Salomo kɔgyinaa AWURADE afɔrebukyia no anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam.

13Na Salomo ayɛ kɔbere mfrafraeɛ simpie bi de asi abannwa no mfimfini. Ne ntwemu basafa mmienu ne fa na ne terɛ basafa mmienu ne fa, na ne korɔn basafa baako ne fa, na ɔkɔgyinaa so. Na ɔkotoo ne nankoroma anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ ɔsoro,

14na ɔkaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no,

15wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no. Wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

162 Sa 7.16 Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn, kora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no so ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa mmɔ no w’anim a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ. Hwɛ nko ara na wo mma nhwɛ wɔn akwan sɛ wɔbɛnante me mmara mu, sɛdeɛ wonantee m’anim no.

17Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn ma w’asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa Dawid no ntim.

18 2 Be 2.5 Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!

19Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa reyi no w’anim yi,

20Eks 20.24 sɛ w’ani bɛbue akyerɛ ɛdan yi awia ne anadwo, deɛ woka sɛ wɔmfa wo din nsi hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ wɔ ha yi.

21Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ wɔ ha yi, na wo deɛ, firi wo tenabea ɔsoro hɔ, tie, na wote a, fa kyɛ!

22Eks 22.11 Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a,

23ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛtua ɔbɔnefoɔ ka ama ne bɔne abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.

24 Deut 28.25 Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔ atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane bɛbɔ wo din, na wɔbɔ mpaeɛ na wɔkoto srɛ w’anim efie yi mu a,

25ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne no kyɛ, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn ne wɔn agyanom no so.

26Deut 28.23-24 Sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na sɛ wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ha yi, na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho sɛ woabrɛ wɔn aseɛ nti a,

27ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne no kyɛ, na kyerɛ wɔn kwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.

28Sɛ ɛkɔm ba asase yi so, sɛ ɔyaredɔm ba, sɛ ɔhoɔ ne ɔpoɔ, ntutummɛ ne mmɛbɛ ba, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn nkuro apono asase so a, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo,

29ɛnneɛ mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara wɔ anaa wo man Israel nyinaa wɔ, na obiara nim ne haw ne ne yea, na ɔbɛtrɛ ne nsam akyerɛ efie yi no,

301 Be 29.17; Dwom 7.9 wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa kyɛ, na ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akoma no. Na wo ara, wo nko ara na wonim nnipa mma akoma mu,

31deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, na woanante w’akwan soɔ nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa.

32Afei nso ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu, na ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba, wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woatene no nti no, sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ ɛdan yi mu a,

33ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ no sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahunu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ wo din na wɔde frɛ efie a masie yi.

34 Dan 6.10 Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi ama wo din yi a,

35ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ no ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.

36Sɛ wɔyɛ wo bɔne, (ɛfiri sɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne,) na wofa wɔn ho abufuo na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn kɔ asase bi so a, akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,

37Dan 9.5 na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho koto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so sɛ: Yɛayɛ bɔne, yɛafom na yɛadi abɔnefosɛm,

38na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn nnommumfafoɔ asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayie ne efie a masi ama wo din yi a,

39ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ no kyɛ wɔn.

40Afei, me Nyankopɔn, ma w’aniwa mmue ɛ, na yɛ aso ma ɛha yi mpaebɔ.

41 Dwom 132.8-9 Na afei, AWURADE Nyankopɔn, sɔre hyɛne wo homebea no mu,

wo ne wo tumi adaka no.

W’asɔfoɔ no, AWURADE Nyankopɔn, ma wɔnhyɛ nkwagyeɛ,

na w’adɔeɛ nnipa ani nnye wo papa mu.

42 2 Sa 7.13 AWURADE Nyankopɔn, nnane deɛ woasra no no ani.

Kae adɔeɛ a wode yɛɛ w’akoa Dawid no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help