Yeremia 21 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yerusalem asehweɛ ho nkɔmhyɛ

1 Yer 29.25 Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Ɔhene Sedekia somaa Malkia ba Pasur ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa ne nkyɛn sɛ:

2Bisa AWURADE hɔ adeɛ ma yɛn, ɛfiri sɛ Babelhene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako, ebia AWURADE ne yɛn bɛdi no sɛdeɛ n’anwanwadeɛ no nyinaa teɛ no, na wafiri yɛn so akɔ.

3Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

4Monka nkyerɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meredane mo nsam akodeɛ a mode ne Babel hene ne Kaldeafoɔ a wɔabɛtua mo ɔfasuo akyire rebɛko no, na maboa ano maba kuro yi mfimfini.

5Na me ara mede nsa a atene ne basa a ɛyɛ den ne abufuo ne abohuro ne anibereɛ kɛseɛ ne mo bɛko,

6na mabɔ kuro yi mufoɔ, nnipa ne mmoa. Owuyadeɛ kɛseɛ ano na wɔbɛwuo.

7Na ɛno akyiri no, AWURADE asɛm nie, mɛyi Yudahene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kuro yi mu, a wɔafiri owuyadeɛ ne afena ne ɛkɔm mu no mahyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, ne wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wɔakunkum wɔn afena ano, ɔrenkame wɔn na ɔrente mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.

8 Deut 11.26 Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan meregu mo anim,

9Yer 38.2 deɛ ɔtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adie de ne ho kɔma Kaldeafoɔ a wɔbɛtua mo no, ɔbɛnya nkwa, na ne kra adane Negeb no asadeɛ.

10Na mede m’ani makari kuro yi sɛ bɔne na ɛmmra ne soɔ, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm nie, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahye.

11Na ka kyerɛ Yuda hene fie sɛ: Montie AWURADE asɛm:

12Yer 22.3; 7.20 Dawid fie, sɛ AWURADE seɛ nie:

Monni asɛntenenee anɔpa,

na monyi deɛ wɔafom no afa

mfiri omimfoɔ nsam,

na m’abufuhyeɛ amfiri sɛ ogya

ammɛhye a obi rennum,

mo nneyɛɛ bɔne nti.

13Hwɛ, me ne mo a mote bonhwa mu,

asaseta so botan soɔ no anya,

AWURADE asɛm nie,

mo a moka sɛ: Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn soɔ,

na hwan na ɔbɛba yɛn tenabea no?

14Na mɛba mabɛtua mo ka sɛ mo nneyɛɛ aba no teɛ,

AWURADE asɛm nie,

na mɛsɔ ogya wɔ ne kwaeɛ mu,

na ahye ne nnoɔma nyinaa ahyia.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help