Luka 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Awurade mpaebɔ(Mateo 6.9-13)

1Na ɛbaa sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ na ɔgyaeeɛ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.

2Na ɔsee wɔn sɛ: Mobɔ mpaeɛ a, monka sɛ:

Agya, wo din ho nte,

w’ahennie mmra.

3 Ma yɛn yɛn daa aduane daa!

4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,

ɛfiri sɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka.

Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!

Daa mpaebɔ

5Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mu hwan na ɔwɔ adamfoɔ, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasuo mu akɔka akyerɛ no sɛ: Damfo, fɛm me paanoo mmiɛnsa,

6na m’adamfo bi firi kwan so aba me nkyɛn, na mennya biribi memma no.

7Na ɔfiri mu nohoa bɛbua no sɛ: Nha me, na wɔato pono mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na merentumi mensɔre mmɛma wo.

8Bɔhyɛ ahodoɔ mmiɛnsa(Mateo 7.7-11)

9 Nso mese mo sɛ: Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommom, na wɔbɛhini mo.

10Na obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔbɔ mu no, wɔbɛhini no.

11Na mo mu hwan na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no?

12Anaasɛ nso ɔbisa kosua a, ɔbɛma no nyanyankyerɛ?

13Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no?

Nkɔnkɔnsa bi ho mmuaeɛ(Mateo 12.22-30; 12.43-45; Marko 3.22-27)

14Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbaa sɛ honhommɔne no firii adie no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa.

15Na wɔn mu binom kaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul so na ɔtu ahonhommɔne.

16Ɔbonsam tumi so nkonimdie

21 Sɛ ɔhoɔdenfoɔ amia rewɛn ne fie a, n’ahodeɛ wɔ hɔ komm.

22Aniani ha adeyɛ nkyɛ

24 Sɛ honhom fi firi onipa mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so, hwehwɛ ɔhome; na ɔnnya bi a, ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu.

25Na ɔba a, ɔbɛhunu sɛ wɔaprapra mu na wɔahyehyɛ mu.

26Ɔsetie

27 Yudafoɔ fɔdie kyɛne amanaman mufoɔ deɛ(Mateo 12.38-42)

29Na nkurɔfoɔ akuakuo no boaboaa wɔn ano pitipiti no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

30Na sɛdeɛ Yona yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa Ninewefoɔ no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ama nnɛ mma yi.

31Kanea adwuma(Mateo 6.22-23)

33 Farisini bi fie adidie(Mateo 23.1-36)

37 Luk 7.36; 14.1 Na ɔrekasa no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no nkɔdidi; na ɔkɔɔ mu kɔtenaa ase.

38Mat 15.2 Na Farisini no hunuu sɛ wanhohoro ne nsa ansa na ɔdidiiɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa.

39Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Afei mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro kuruwa ne ayowa ho; na mo mu deɛ, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma.

40Nkwaseafoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no na ɔyɛɛ emu nso?

41Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo.

42Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.

43Luk 20.46 Mo Farisifoɔ, monnue, sɛ mopɛ mpanimfoɔ tenaberɛ wɔ hyia adan mu ne edwa mu nkyea.

44Monnue sɛ mote sɛ nnamena a ɛnna adie, na nnipa a wɔnam soɔ no nhunu.

45Na mmarakyerɛfoɔ no mu baako buaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, woka saa a, na worebɔ yɛn nso adapaa.

46Na ɔkaa sɛ: Mo mmarakyerɛfoɔ nso, monnue sɛ mode nnesoa a ne soa yɛ ya soa nnipa, na mo ankasa deɛ, momfa mo nsateaa mu baako mpo nka nnesoa no.

47Monnue sɛ moto adiyifoɔ a mo agyanom na ekumm wɔn nna soɔ.

48Sɛdeɛ modi mo agyanom nnwuma ho adanseɛ na mopene ne no, sɛ wɔn na wɔkumm wɔn, na mo nso na moto wɔn nna soɔ.

49Yei nti nso na Nyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,

50na wɔahwehwɛ adiyifoɔ nyinaa mogya a wɔhwie guiɛ firi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam,

51ɛfiri Habel mogya so de kɔsi Sakaria a ɔtɔɔ afɔrebukyia ne asɔredan ntam no mogya so. Aane, mese mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.

52Mo mmarakyerɛfoɔ, monnue sɛ moafa nimdeɛ safoa; mo ara moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, mosii wɔn kwan.

53Na ɔfiri hɔ kɔeɛ no, Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no fitii aseɛ hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho,

54Luk 20.20 na wɔtɛɛ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya n’anom asɛm bi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help